Yohane 20 - KYERƐW KRONKRONƆda hunu ( Mateo 28.1-10 ; Marko 16.1-11 ; Luka 24.1-12 ) 1 Na da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na obehui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano. 2 Ɛnna otuu mmirika baa Simon Petro ne osuani biako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto. 3 Ɛnna Petro ne osuani biako no fii adi baa ɔda no ho. 4 Na wɔn baanu nyinaa tutuu mmirika, na osuani biako no yɛɛ ntɛm twaa Petro ho, na okoduu ɔda no ho kan. 5 Na ɔbrɛɛ ne mu ase hwɛɛ mu no, n’ani bɔɔ nwera no so sɛ egu hɔ de, nanso wankɔ mu. 6 Ɛnna Simon Petro dii n’akyi bae, na ɔkɔɔ ɔda no mu, na ohuu nwera no sɛ egu hɔ no 7 ne dukuu a wɔde bɔɔ ne ti nanso engu nwera no ho, na mmom wɔabobɔw ɛno nkutoo da baabi. 8 Ɛno na afei osuani biako a oduu ɔda no ho kan no nso hyɛn mu, na ohui, na ogye dii. 9 Na na wonnya nhuu kyerɛwsɛm no sɛ etwa sɛ ɔsɔre fi awufo mu no ɛ. 10 Ɛnna asuafo no san baa wɔn fi bio. Maria hu abɔfo baanu 11 Na Maria de, na ogyina ɔboda no ho resu. Ɛnna ɔresu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔda no mu, 12 na ohuu abɔfo baanu a wɔhyɛ ntade fitaa sɛ wɔtete hɔ, obiako te atifi, na obiako te anafo, faako a Yesu amu dae hɔ. 13 Na wobisaa no sɛ: Ɔbea, adɛn na wusu? Osee wɔn sɛ: Efisɛ wɔafa me wura kɔ, na minnim faako a wɔde no akɔto ntia. Maria ne Yesu kasa 14 Na ɔkaa saa no, ɔdan ne ho hwɛɛ n’akyi, na ohuu Yesu sɛ ogyina hɔ, na onnim sɛ ɛyɛ Yesu. 15 Yesu see no sɛ: Ɔbea, adɛn na woresu? Wohwehwɛ hena? Na ɔno de, osusuwii sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, osee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔto, na menkɔfa no! 16 Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdan ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Rabuni! (ase ne: Ɔkyerɛkyerɛfo). 17 Yesu see no sɛ: Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn. 18 Na Maria Magdalene ba bɛka kyerɛɛ asuafo no sɛ Mahu Awurade na ɔno na ɔkaa eyinom kyerɛɛ me. Yesu yi ne ho adi kyerɛ n’asuafo ( Marko 16.14-18 ; Luka 24.36-49 ) 19 Ɛnna da a edi nnawɔtwe kan no ara, eduu anwummere na Yudafo ho hu nti wɔatoto apon mu faako a asuafo no ahyia hɔ no, Yesu ba begyinaa wɔn mfinimfini, na osee wɔn sɛ: Asomdwoe nka mo! 20 Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Na asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei. 21 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoe nka mo! Sɛnea Agya no asoma me no, me nso mesoma mo. 22 Na ɔkaa saa no, ɔhome guu wɔn so, na osee wɔn sɛ: Munnye Honhom Kronkron! 23 Wɔn a mode wɔn bɔne akyɛ wɔn no, wɔde akyɛ wɔn; na wɔn a moma wɔn bɔne tena hɔ no, wɔama atena hɔ. Toma akyinnyegye 24 Na Toma, dumien no mu biako a wɔfrɛ no Ata no, nni wɔn mu na Yesu bae. 25 Ɛnna asuafo no see no sɛ: Yɛahu Awurade. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ manhu ne nsam nnadewa no anan mu, na mamfa me nsatea manka nnadewa no anan mu, na mamfa me nsa manka ne nnadewa no anan mu a, minnye minni. Yesu yi ne ho adi bio 26 Na ɛno akyi nnawɔtwe, n’asuafo no wɔ ɔdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso apon no mu atoto, na obegyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkae sɛ: Asomdwoe nka mo! 27 Ɛnna afei osee Toma sɛ: Fa wo nsatea bra ha na bɛhwɛ me nsam, na fa wo nsa bɛka me mfem, na nyɛ okyinnyegyefo, na gye di! 28 Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn! 29 Yesu see no sɛ: Toma, sɛ woahu me nti na woagye adi. Nhyira ne wɔn a wonhui na wogye di. Asɛmpa yi botae 30 Na afei, nsɛnkyerɛnne pii nso wɔ hɔ a Yesu yɛe asuafo no anim a wɔankyerɛw nhoma yi mu. 31 Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana