Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 2 - KYERƐW KRONKRON


Kana ayeforohyia

1 Na da a ɛto so abiɛsa no, wohyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na Yesu ne na wɔ hɔ.

2 Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi.

3 Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wonni nsa.

4 Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnui.

5 Na ne na see asomfo no sɛ: Biribiara a obese mo no, monyɛ!

6 Nso abo nsuhina asia sisi hɔ, sɛnea Yudafo ahodwira te, biako betumi agye galɔn aduonu anaa aduasa.

7 Yesu see wɔn sɛ: Momfa nsu nhyehyɛ nhina yi mama! Na wɔhyehyɛɛ no ma tɛntɛnn.

8 Na osee wɔn sɛ: Afei monsesaw mfa nkɔma adidiihwɛfo no!

9 Na wɔde kɔe. Na adidiihwɛfo no kaa nsu a adan nsa no hwɛe no, na onnim nea efi, (na asomfo a wɔsesaw nsu no de na wonim) na adidiihwɛfo no frɛɛ ayeforokunu no,

10 na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ.

11 Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.


Kapernaum ne Yerusalem

12 Eyi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔne ne na, ne nuanom, ne n’asuafo no, na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.

13 Na Yudafo Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.


Yesu pam aguadifo fi asɔrefi
( Mateo 21.12-13 ; Marko 11.15-17 ; Luka 19.45-46 )

14 Na okohuu wɔn a wɔtɔn anantwi ne nguan ne mmorɔnoma ne sikasesafo sɛ wɔtete asɔrefi.

15 Na ɔde hama yɛɛ mpire pam wɔn nyinaa, nguan ne anantwi no fii asɔrefi hɔ, na ohwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa apon no butubutuwii;

16 na osee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’Agya fi aguadi fi!

17 Na n’asuafo no kaee sɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo fi ho mmɔdemmɔ amene me.


Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ

18 Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom?

19 Yesu bua see wɔn sɛ: Munnwiriw asɔredan yi, na mede nnansa mɛma so bio.

20 Ɛnna Yudafo no se: Mfirihyia aduanan asia na wɔde sii asɔredan yi, na wo de, nnansa na wode bɛma so?

21 Na ɔno de, ɔkae no, na ɔde ne nipadua asɔredan.

22 Enti ɔsɔre fii awufo mu no, na n’asuafo no kaee sɛ waka eyi, na wogyee kyerɛw no ne nsɛm a Yesu kae no dii.


Yesu akyidifo foforo

23 Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii.

24 Na Yesu ankasa de, wamfa ne ho anto wɔn so, efisɛ onim wɔn nyinaa,

25 na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan