Yohane 19 - KYERƐW KRONKRONWɔhwe Yesu di ne ho fɛw 1 Ɛnna afei Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire. 2 Na asraafo no nwenee nsɔe abotiri na wɔde bɔɔ ne ti, na wɔde ntama kɔkɔɔ bi guguu no so, 3 na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yudafo hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotɔre. Pilato di ma Yesu 4 Ɛnna Pilato fii adi bae bio, na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu no mu afobusɛm biara. 5 Ɛnna Yesu fii adi bae, na ɔhyɛ nsɔe kyɛw hyɛ atade kɔkɔɔ no. Na osee wɔn sɛ: Hwɛ, onipa no ni! 6 Ɛnna asɔfo mpanyin ne asomfo no huu no no, wɔteɛteɛɛm sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ankasa momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me de, minhu no mu afobusɛm biara. 7 Yudafo no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛwɔ mmara, na yɛn mmara no nti etwa sɛ owu, efisɛ ɔyɛɛ ne ho Nyankopɔn ba. Pilato bisa no nsɛm bio 8 Ɛnna Pilato tee asɛm yi no, osuroe pii, 9 na ɔhyɛn amrado aban no mu bio, na osee Yesu sɛ: Wufi he? Na Yesu ammua no. 10 Ɛnna Pilato see no sɛ: Wo ne me nkasa? Wunnim sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo, na mewɔ tumi sɛ mebɔ wo asɛnnua mu? 11 Yesu buae sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara; eyi nti nea oyii me maa wo no na ne bɔne so. Pilato bu no kumfɔ 12 Efi hɔ no, Pilato hwehwɛe sɛ ogyaa no; na Yudafo no teɛɛm sɛ: Sɛ wugyaa oyi a, wonyɛ Kaesare adamfo; obiara a ɔyɛ ne ho hene no tia Kaesare. 13 Na Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu fii adi, na ɔbɛtenaa atemmu agua so baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Abo-sɛwee, na Hebri mu wɔfrɛ no Gabata. 14 Na ɛyɛ Twam ho siesie da, na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so asia. Na osee Yudafo no sɛ: Hwɛ, mo hene ni! 15 Na wɔteɛɛm sɛ: Fa no kɔ, fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Memmɔ mo hene asɛnnua anaa? Asɔfo mpanyin no buae sɛ: Yenni hene bi sɛ Kaesare. 16 Ɛno na afei oyii no maa wɔn hyɛe sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔfaa Yesu de no kɔe. Yesu asɛnnua mu bɔ ( Mateo 27.31-50 ; Marko 15.20-37 ; Luka 23.26-46 ) 17 Na ɔso n’asɛnnua fii adi koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa beae a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota. 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ ntam. 19 Na Pilato kyerɛw ɛho asɛm nso, na ɔde fam asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafo hene. 20 Saa kyerɛw yi na Yudafo no mu pii kanee, efisɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kurow no; na wɔakyerɛw no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu. 21 Na Yudafo asɔfo mpanyin no see Pilato sɛ: Nkyerɛw sɛ: Yudafo hene, na kyerɛw sɛ: Ɔno na ɔkae sɛ: Mene Yudafo hene. 22 Pilato buae sɛ: Nea makyerɛw no, makyerɛw. Asraafo no fa ne ntama 23 Na asraafo no bɔɔ Yesu asɛnnua mu no, wɔfaa ne ntama, na wɔkyɛɛ mu anan maa ɔsraani biara nyaa biako, ne n’atade. Nso atade no nni mpamee, wɔnwenee fi soro besii fam. 24 Ɛnna wosisee wɔn ho sɛ: Mommma yɛnnsunsuane mu, na momma yɛntwe so ntonto nhu nea ɛbɛyɛ ne dea. Na kyerɛwsɛm a ese: Wɔkyɛɛ me ntama mu fae, na m’atade so na wɔtwee so ntonto, no baa mu. Enti asraafo no na ɛyɛɛ eyinom. 25 Nso Yesu ne na ne ne na nuabea, Maria, Klopa yere, ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho. 26 Na Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔne no gyina hɔ no, osee ne na sɛ: Ɔbea, hwɛ, wo ba ni! 27 Afei osee osuani no sɛ: Hwɛ, wo na ni! Na efi dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ n’ankasa fi. Yesu wu 28 Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me. 29 Nso nsa nyinyanyinya ade bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi hyɛɛ posaw ma, na wɔde tuaa dua ano de kaa n’ano. 30 Ɛnna Yesu gyee nsa nyinyanyinya no no, ɔkae sɛ: Wɔawie! Na ɔbɔɔ ne ti ase de ne honhom mae. 31 Nso da no yɛ Ahosiesie da, na sɛnea ɛbɛyɛ na amu no renka asɛnnua no so homeda, efisɛ, na saa homeda no yɛ da kɛse nti, Yudafo no bɛsrɛɛ Pilato sɛ wonkobubu wɔn nnyawa na wonyi wɔn. 32 Ɛnna asraafo no bae bebubuu nea odi kan no nnyawa ne nea ɔka ho a wɔbɔɔ ɔne no asɛnnua mu no de. 33 Na woduu Yesu so na wohui sɛ wawu dedaw no, wɔammubu ne nnyawa. 34 Na asraafo no mu biako de peaw wɔɔ ne mfem, na ntɛm ara na mogya ne nsu fii mu bae. 35 Na nea ohui no adi adanse, na n’adanse no yɛ nokware, na ɔno de, onim sɛ ɔka nokware, na mo nso moagye adi. 36 Na wɔyɛɛ eyinom na kyerɛwsɛm a ese: Wommmu ne dompe bi, no aba mu. 37 Na kyerɛwsɛm foforo bio se: Wobɛhwɛ nea wɔwɔɔ no no. Yesu sie ( Mateo 27.57-61 ; Marko 15.42-47 ; Luka 23.50-55 ) 38 Na eyinom akyi no, Yosef a ofi Arimatea a ɔyɛ Yesu suani, na Yudafo ho hu nti ɔyɛ no kokoam no bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma onyi Yesu amu no; na Pilato maa no ho kwan. Na ɔba beyii n’amu no. 39 Na Nikodemo nso a kan ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo no bae, na ɔde kurobow ne pɛprɛ mfrafrae bɛyɛ sɛ nkaribo ɔha bae. 40 Ɛnna wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nwera ne nnuru kyekyeree ne ho, sɛnea Yudafo amusie te no. 41 Nso faako a wɔbɔɔ no asɛnnua mu hɔ no, turo bi wɔ hɔ, na turo no mu na ɔboda foforo bi a wɔmfaa onipa ntoo mu da wɔ; 42 na ɛhɔ na Yudafo Ahosiesie da no nti, wɔde Yesu kɔtoe, efisɛ ɔboda no na ɛbɛn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana