Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 18 - KYERƐW KRONKRON


Yuda de asraafo ba
( Mateo 26.47-56 ; Marko 14.43-52 ; Luka 22.47-53 )

1 Yesu kaa eyinom no, ɔne n’asuafo no fii adi kotwaa Asu Kidron, nea turo bi wɔ, na ɔne n’asuafo no kɔɔ mu.

2 Na Yuda nso a oyii no mae no nim hɔ, efisɛ Yesu ne n’asuafo no taa kohyia hɔ.

3 Ɛnna Yuda de asraafokuw ne asomfo a wofi asɔfo mpanyin ne Farisifo no nkyɛn baa hɔ; wokurakura agyatɛn, akanea ne akode.

4 Ɛnna Yesu a onim nea ɛreba no so nyinaa no fii adi, na osee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hena?

5 Wobuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Mini! Nso Yuda a oyii no mae no nso ne wɔn na egyina hɔ.

6 Ɛnna osee wɔn sɛ: Mini! no, wopinii nkyirinkyiri, na wɔhwehwee ase.

7 Ɛnna obisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hena? Na wose: Yesu, Nasareni no.

8 Yesu buae sɛ: Maka makyerɛ mo sɛ mini; enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma eyinom nkɔ!

9 Sɛ asɛm a ɔkae sɛ: Wɔn a wode wɔn ama me no, mamma wɔn mu biara anyera, no mmra mu.


Petro abufuhyew

10 Ɛnna Simon Petro a okura nkrante no twee, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa, na otwaa n’aso nifa; na akoa no din de Malko.

11 Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrante no hyɛ boha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa?


Wɔkyere Yesu kɔma Hana
( Mateo 26.57-75 ; Marko 14.53-72 ; Luka 22.54-71 )

12 Ɛnna asraafokuw ne wɔn safohene ne Yudafo asomfo no soo Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

13 na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kan; na Kaiafa a odi afe no mu sɔfo panyin ase ne no.

14 Nso Kaiafa no ne nea otuu Yudafo no fo sɛ: Eye sɛ onipa biako bewu ama ɔman no.


Petro pa n’Awurade

15 Na Simon Petro ne osuani biako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panyin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛn ɔsɔfo panyin aban mu hɔ.

16 Na Petro de, ogyinaa mfikyiri ɔpon no ano. Ɛnna osuani biako a ɔsɔfo panyin no nim no no fii adi bɛka kyerɛɛ ɔbea a ɔhwɛ ɔpon ano no, na ɔde Petro baa mu.

17 Ɛnna abaawa a ɔhwɛ ɔpon ano no see Petro sɛ: Wo nso wumfi onipa yi asuafo mu bi anaa? Ose: Dabi.

18 Nso nkoa ne asomfo no gyinagyina hɔ asɔ ogya, efisɛ awɔw aba, na wɔreto; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bi.


Ɔsɔfo panyin no asɛmmisa

19 Ɛnna ɔsɔfo panyin no bisaa Yesu n’asuafo ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm.

20 Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, faako a Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee.

21 Adɛn na wubisa me? Bisa wɔn a wɔtee no, ne nea meka kyerɛɛ wɔn; hwɛ, wɔn na wonim nea mekae.

22 Na ɔkaa saa no, asomfo no mu biako a ogyina hɔ no bɔɔ Yesu sotɔre kae sɛ: Sɛnea wubua ɔsɔfo panyin ni?

23 Yesu buaa no sɛ: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanse; na sɛ eye a, adɛn nti na wobɔɔ me?

24 Hana maa wɔde no hama mu kɔmaa ɔsɔfo panyin Kaiafa.


Petro pa n’Awurade bio

25 Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wosee no sɛ: Wo nso wumfi n’asuafo no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!

26 Ɔsɔfo panyin no nkoa no mu biako a ɔyɛ nea Petro twaa n’aso no busuani kae sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ?

27 Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee.


Wɔde Kristo kɔma amrado
( Mateo 27.1-2 , 11-14 ; Marko 15.1-5 ; Luka 23.1-5 )

28 Ɛnna wɔde Yesu fi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ankasa de, wɔanhyɛn amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam no.

29 Ɛnna Pilato fii adi baa wɔn nkyɛn, na obisaa wɔn sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia onipa yi?

30 Wobua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛfo a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.

31 Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na munkobu no atɛn sɛnea mo mmara te. Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Yɛn de, yenni ho kwan sɛ yekum obiara.

32 Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu no aba mu.


Pilato asɛmmisa

33 Ɛnna Pilato hyɛn amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa?

34 Yesu buaa no sɛ: Efi wo ankasa wo tirim na woka eyi, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ wo?

35 Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ankasa wo manfo ne asɔfo mpanyin no na wɔde wo brɛɛ me; dɛn na woyɛe?

36 Yesu buae sɛ: M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.

37 Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.

38 Pilato see no sɛ: Dɛn ne nokware? Na ɔkaa eyi no, ofii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn bio na osee wɔn sɛ: Me de, minhu ne mu afobusɛm biara.


Pilato pɛ sɛ ogyaa no

39 Nso mowɔ amanne sɛ migyaa obiako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo anaa?

40 Ɛnna wɔn nyinaa teɛɛm bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwowtwafo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan