Yohane 17 - KYERƐW KRONKRONKristo bɔ mpae ma ne ho 1 Eyinom na Yesu kae, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkae sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba anuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam, 2 sɛnea womaa no ɔhonam nyinaa so tumi, sɛ ade biara a wode ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa. 3 Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no. 4 Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no. 5 Na afei, Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn! Ɔbɔ mpae ma n’asuafo 6 Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so. 7 Afei wɔahu sɛ nneɛma a wode ama me no nyinaa fi wo nkyɛn; 8 efisɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahu ampa sɛ mifi wo nkyɛn na mebae, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me. 9 Me de, meresrɛ mama wɔn; mensrɛ memma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no, efisɛ wɔyɛ wo dea. 10 Na ade nyinaa yɛ wo dea, na wo de nso yɛ me dea; na manya anuonyam wɔn mu. 11 Na afei minni wiase bio, na eyinom na ɛwɔ wiase, na me de, mereba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu, na wɔayɛ biako sɛ yɛn. 12 Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn misiee wo din mu; wɔn a wode wɔn ama me no, mawɛn wɔn, na wɔn mu bi anyera, gye ɔyera ba no, na kyerɛwsɛm no aba mu. 13 Na afei na mereba wo nkyɛn, na meka eyinom wiase, na wɔanya m’anigye ma awie pɛyɛ wɔ wɔn mu. 14 Mede w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. 15 Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Bɔ wɔn ho ban fi ɔbɔnefo no ho. 16 Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. 17 Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware. 18 Sɛnea wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase. 19 Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron wɔ nokware mu. Ɔbɔ mpae ma n’akyidifo a wɔbɛba 20 Na ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti, 21 sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me. 22 Na mede anuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ biako, sɛnea yɛyɛ biako no. 23 Mewɔ wɔn mu na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ biakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no. 24 Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wonhu m’anuonyam a womaa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase. 25 Agya trenee, wiase anhu wo, na me de, mahu wo, na eyinom ahu sɛ wo na wosomaa me; 26 na mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ; na ɔdɔ a wode dɔ me no atena wɔn mu, na matena wɔn mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana