Yohane 16 - KYERƐW KRONKRONƆtaa ne mogya adansedi ho nkɔmhyɛ 1 Eyinom na maka makyerɛ mo na moanhintiw. 2 Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn. 3 Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu Agya no ne me ɛ. 4 Na maka eyinom makyerɛ mo, na sɛ bere no du a, moakae sɛ maka makyerɛ mo. Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ. 5 Na afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekɔ? 6 Na sɛ maka eyinom makyerɛ mo nti, awerɛhow ahyɛ mo koma ma. Honhom Kronkron ba 7 Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. 8 Na ɔno de, sɛ ɔba a, obeyi wiase ntɛn bɔne ne trenee ne atemmu ho! 9 Bɔne ho, efisɛ wonnye me nni; 10 ne trenee ho, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na munhu me bio; 11 ne atemmu ho, efisɛ wɔabu wiase sodifo no atɛn. Nokware 12 Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren. 13 Na sɛ ɔno, nokware Honhom no nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu. Na emfi n’ankasa mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛte no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛreba. 14 Ɔno na ɔbɛhyɛ me anuonyam; efisɛ ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo. 15 Nneɛma a m’Agya wɔ nyinaa yɛ me dea; eyi nti na mekae sɛ: Ɔbɛfa me de bi na ɔde abɛkyerɛ mo. Daa anigye 16 Aka kakraa na munhu me; na bio aka kakraa mubehu me. 17 Ɛnna n’asuafo no mu binom kekae wɔn mu sɛ: Dɛn na ose yɛn sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me, ɛne sɛ: Merekɔ Agya no nkyɛn yi? 18 Ɛnna wose: Dɛn ne nea ɔka yi sɛ: Aka kakraa? Yenhu nea ɔka yi. 19 Ɛnna Yesu hui sɛ wɔpɛ abisa no, na osee wɔn sɛ: Eyi ho na mubisabisa wɔ mo mu, sɛ mekae sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me. 20 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye. 21 Ɔbea, sɛ ɔrewo a, ɔte yaw, efisɛ ne dɔn adu; na sɛ onya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigye a wanya sɛ wawo onipa aba wiase no nti. 22 Na mo nso, afei de, mowɔ awerɛhow; na mehu mo bio, na mo koma bɛtɔ mo yam, na mo anigye no, obi rennye mo nsam. 23 Na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo. Kristo din mu adesrɛ 24 Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ. 25 Eyinom na maka mo mmebu mu; na bere no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebu mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee. 26 Da no na mobɛsrɛ me din mu, na menka menkyerɛ mo sɛ mebisa Agya no mama mo; 27 na Agya no ankasa dɔ mo, efisɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mifi Nyankopɔn nkyɛn na mebae. 28 Mifii Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefi wiase na makɔ Agya no nkyɛn. 29 N’asuafo no see no sɛ: Hwɛ, afei de, wokasa pefee, na wummu bɛ biara. 30 Afei yɛahu sɛ wunim nneɛma nyinaa, na enhia wo sɛ obi bisa wo; eyi mu na yegye di sɛ wufii Nyankopɔn nkyɛn na ɛbae. 31 Yesu bisaa wɔn sɛ: Afei de, mugye di anaa? 32 Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkurow mu, na moagyaw me nko; nanso ɛnkaa me nko ɛ, efisɛ Agya no ka me ho. 33 Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana