Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 14 - KYERƐW KRONKRON


Kristo kɔ ne ne sanba

1 Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.

2 Tenabea pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa?

3 Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.

4 Na faako a merekɔ no, munim hɔ kwan nso.

5 Toma see no sɛ: Awurade, yennim faako a worekɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi ahu kwan?

6 Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.

7 Sɛ munim me a, anka moahu m’agya no nso; na efi nnɛ munim no, na moahu no.


Kristo ne agya no yɛ biako

8 Filipo see no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn.

9 Yesu see no sɛ: Me ne mo wɔ hɔ dedaadaw yi, munhuu me anaa, Filipo? Nea wahu me no ahu Agya no, na adɛn nti na wuse: Kyerɛ yɛn Agya no?

10 Wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu? Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, emfi m’ankasa me tirim ne meka, na Agya a ɔte me mu no, ɔno na ɔyɛ nnwuma no.

11 Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu, na Agya no nso wɔ me mu; na sɛ ɛnte saa a, nnwuma no ara nti munnye me nni!

12 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’Agya no nkyɛn.

13 Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam ɔba no mu.

14 Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me de, mɛyɛ.


Honhom Kronkron ho bɔhyɛ

15 Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so!

16 Na me de, mebisa agya no, na wama mo Okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtena daa:

17 nokware honhom a wiase ntumi nnye no no, efisɛ enhu no, nanso ennim no; na mo de, munim no, efisɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.

18 Merennyaw mo nnyanka, mɛba mo nkyɛn.

19 Ate kakraa na wiase nhu me bio; na mo de, muhu me, efisɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase.

20 Da no ara mubehu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.

21 Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.


Osetie ne ɔdɔ

22 Yuda (ɛnyɛ Iskariot no) see no sɛ: Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebeyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?

23 Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.

24 Nea ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; na asɛm a mote no nyɛ me dea, na ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.


Honhom Kronkron yɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse

25 Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka mo eyinom;

26 na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.

27 Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma no mmɔ mo hu!


Kristo bɛkɔ Agya no nkyɛn

28 Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani begye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ m’Agya no yɛ kɛse sen me.

29 Afei maka makyerɛ mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi.

30 Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee.

31 Nanso meyɛ sɛnea Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan