Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 13 - KYERƐW KRONKRON


Yesu hohoro n’asuafo anan ho

1 Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wiase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.

2 Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,

3 na Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ofii Nyankopɔn nkyɛn na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn nti,

4 ɔsɔre fii adidii, na oyii n’atade guu hɔ, na ɔfaa mpopaho de kyekyeree ne ho.

5 Na afei ohwiee nsu guu bokiti no mu, na ofii ase hohoroo asuafo no anan ho, na ɔde mpopaho a ɔde kyekyeree ne ho no popaa ho.

6 Ɛnna obeduu Simon Petro so; na ɔno de, osee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro m’anan ho yi?

7 Yesu bua see no sɛ: Nea mereyɛ yi, worente ase seisei, na akyiri no na wobɛte.

8 Petro see no sɛ: Meremma wonhohoro me nan ho da! Yesu see no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wunni m’afa.

9 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ho ne me tirim nso bi.

10 Yesu see no sɛ: Nea waguare no, enhia no aguare, gye ne nan ho hohoro, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.

11 Na onim nea obeyi no ama; eyi nti na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi, no.

12 Ɛnna owiee wɔn nan ho hohoro na ɔfaa n’atade na ɔtenaa ase bio no, osee wɔn sɛ: Moahu nea mayɛ mo yi?

13 Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ.

14 Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho.

15 Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.

16 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no.

17 Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.

18 Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.

19 Afei mise mo ansa na aba, na sɛ enya ba a, moagye adi sɛ mene no.

20 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Nea ogye obi a mesomaa no no, ogye me; na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.


Ɔfatwafo
( Mateo 26.21-25 ; Marko 14.18-21 ; Luka 22.21-23 )

21 Yesu kaa saa no, ne ho yeraw no honhom mu, na odii adanse sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, mo mu biako beyi me ama.

22 Ɛnna asuafo no hwehwɛɛ wɔn ho anim, wonhu onii ko a ɔde no.

23 Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom;

24 ɛnna Simon Petro buu no ani see no sɛ: Bisa no nea ɔka ne ho asɛm no.

25 Enti ɔpa twerii Yesu kokom see no sɛ: Awurade, ɛyɛ hena?

26 Yesu buae sɛ: Ɔno ne nea mede abodoo sin mɛbɔ mu mama no no. Na ɔde abodoo sin no bɔɔ mu maa Yuda Iskariot, Simon ba no.

27 Na ogyee abodoo sin no akyi no, ɛno na Satan hyɛn no mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!

28 Na eyi de, wɔn a wɔte adidii no mu biara anhu nea enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no.

29 Na ebinom susuwii sɛ Yuda kura kotoku no nti na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔtotɔ nea ehia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafo.

30 Ɛnna ogyee abodoo sin no no, ntɛm ara na ofii adi; na ɛyɛ anadwo.


Ahyɛde foforo a ɛne ɔdɔ

31 Ɛnna ofii adi no, Yesu kae sɛ: Afei wɔahyɛ Onipa Ba no anuonyam, na Onyankopɔn anya no mu anuonyam.

32 Sɛ Onyankopɔn anya no mu anuonyam a, Onyankopɔn nso bɛhyɛ no anuonyam n’ankasa ne mu, na ɔbɛhyɛ no anuonyam ntɛm.

33 Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Faako a merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na afei mise mo nso.

34 Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!

35 Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.


Petro pa a ɔbɛpa Yesu ho nkɔmhyɛ
( Mateo 26.33-35 ; Marko 14.29-31 ; Luka 22.31-34 )

36 Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛhe na worekɔ? Yesu buaa no sɛ: Faako a merekɔ no, wuntumi nni m’akyi mprempren; na akyiri no na wubedi m’akyi.

37 Petro see no sɛ: Awurade, ɛdɛn nti na mintumi minni w’akyi mprempren? Mede me kra mɛto hɔ mama wo.

38 Yesu buaa no sɛ: Wode wo kra bɛto hɔ ama me? Mereka akyerɛ wo nokware mu pa ara sɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan