Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yohane 12 - KYERƐW KRONKRON


Maria de ngohuam sra Yesu
( Mateo 26.6-13 ; Marko 14.3-9 )

1 Afei aka nnansia na Twam no adu no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a onyan no fii awufo mu no wɔ hɔ.

2 Ɛnna wɔtow no pon wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro de, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidii no mu biako.

3 Ɛnna Maria faa ngo huamhuam kronkron a ne bo yɛ den karibo biako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho; na ngo no huam yɛɛ ɔdan no mu ma.

4 Ɛnna n’asuafo no mu biako, Yuda Iskariot (a ɔrebeyi no ama no,) kae sɛ:

5 Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafo?

6 Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia.

7 Ɛnna Yesu kae sɛ: Munnyaa no, na ɔde eyi asie ama me sie da.

8 Na ahiafo de, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa; na me de, munni me daa.

9 Ɛnna Yudafo no mu nkurɔfokuw pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko nti, na sɛ wobehu Lasaro a onyan no fii awufo mu no nso ntia.

10 Na asɔfo mpanyin no tuu agyina sɛ wobekum Lasaro nso,

11 efisɛ ne nti na Yudafo pii kɔe kogyee Yesu dii.


Yesu kɔ Yerusalem
( Mateo 21.1-11 ; Marko 11.1-10 ; Luka 19.29-40 )

12 Ade kyee no, nkurɔfokuw pii a wɔbaa afahyɛ no ase tee sɛ Yesu reba Yerusalem no,

13 wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!

14 Na Yesu huu afurum ba bi no, ɔtenaa no so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ:

15 Nsuro, Sion babea; hwɛ, wo hene reba, ɔte afurum ba so.

16 Nso n’asuafo no ante eyinom ase kan no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu anuonyam akyi no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔakyerɛw eyinom ne ho, na wɔayɛ ama no.

17 Ɛnna nkurɔfokuw a wɔne no wɔ hɔ bere a ɔfrɛɛ Lasaro fii ɔdamoa mu na onyan no fii awufo mu no dii adanse.

18 Eyi nti nso na nkurɔfokuw no kohyiaa no, efisɛ wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne no.

19 Ɛnna Farisifo no ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Muhu sɛ muntumi nyɛ ho hwee; hwɛ, wiase atu adi n’akyi.


Nkwa a efi owu mu

20 Na Helafo bi wɔ wɔn a wɔbae sɛ wɔbɛsɔre afahyɛ no ase no mu;

21 ɛnna eyinom baa Filipo a ofi Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔbɛsrɛɛ no sɛ: Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.

22 Filipo bae bɛka kyerɛɛ Andrea, na afei Andrea ne Filipo bɛka kyerɛɛ Yesu.

23 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.

24 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: awifua antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ koro no ara; na sɛ ewu a, ɛsow aba pii.

25 Nea ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa; na nea ɔtan ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.

26 Sɛ obi som me a, ma onni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bedi no ni.

27 Afei me kra ho yeraw no; na ɛdɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu! Nanso eyi nti na mebaa dɔn yi mu.


Ɛnne a efi soro

28 Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!

29 Ɛnna nkurɔfokuw a wogyina hɔ na wɔtee no kae sɛ: Ɔprannaa abom! Ebinom se: Ɔbɔfo ne no kasae.

30 Yesu bua kae sɛ: Ɛnyɛ me nti na ɛnne yi bae, na mo nti.

31 Afei ne wiase atemmu; afei na wobeyi wiase sodifo no hɔ.

32 Na me de, sɛ wɔma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.

33 Eyi de, ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu.

34 Nkurɔfokuw no buaa no sɛ: Yɛn de, yɛate mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wuse: Etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hena ne Onipa Ba yi?

35 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no bere tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnantew, na esum ammɛto mo; na nea ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekɔ.

36 Mowɔ hann no yi, munnye hann no nni, na moayɛ hann no mma. Yesu kaa eyinom, na ofii wɔn anim hɔ kohintawee.


Akyinnyegye

37 Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim de, nanso wɔannye no anni,

38 na Odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae no aba mu sɛ: Awurade, hena na wagye yɛn kaseɛ adi, na hena na woyii Awurade basa kyerɛɛ no?

39 Eyi nti wɔantumi annye anni, sɛnea Yesaia kae bio sɛ:

40 Wafura wɔn ani na wapirim wɔn koma, na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho na mansa wɔn yare.

41 Yesaia kaa eyinom, efisɛ ohuu n’anuonyam, na ne ho asɛm na ɔkae.

42 Nanso mpanyimfo no mu pii nso gyee no dii; na Farisifo no nti wɔanka, na wɔantutu wɔn amfi hyiadan mu;

43 efisɛ wɔpɛ nnipa anuonyam sen Nyankopɔn anuonyam.


Yesu ne ne soro agya

44 Na Yesu teɛɛm sɛ: Nea ogye me di no, ɛnyɛ me na ogye me di, na ɛyɛ nea ɔsomaa me no;

45 na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no.

46 Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no antena sum mu.

47 Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me de, mimmu no atɛn; na mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mebae sɛ merebegye wiase.

48 Nea ommu me na onnye me nsɛm no wɔ nea obu no atɛn; asɛm a maka no, ɛno ara na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no mu;

49 efisɛ me de, ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasae, na Agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.

50 Na minim sɛ n’ahyɛde no yɛ daa nkwa. Enti nea meka no, sɛnea Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan