Yohane 10 - KYERƐW KRONKRONNguannan ano pon no 1 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu, na ɔforo fa baabi no, yɛ owifo ne odwowtwafo; 2 na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no, ne nguan no hwɛfo. 3 Ɔno na ɔponanohwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi. 4 Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne. 5 Na ɔhɔho de, wɔrenni n’akyi, wobeguan no, efisɛ wonnim ananafo nne. 6 Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn de, wɔanhu asɛm ko a ɔkaa wɔn no. 7 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no. 8 Wɔn a wodii me kan bae no nyinaa yɛ awifo ne adwowtwafo; na nguan no antie wɔn. 9 Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea. 10 Owifo mma, gye sɛ ɔrebewia, na wakum, na wasɛe; na me de, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso. Oguanhwɛfo pa no 11 Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no; 12 na ɔpaani a ɔnyɛ oguanhwɛfo na nguan no nyɛ ne dea no hu pataku sɛ ɔreba a, ogyaw nguan no guan; na pataku no bɛkyere wɔn bɔ wɔn hwete. 13 Na ɔpaani guan, efisɛ ɔyɛ ɔpaani, na onnwen nguan no ho. 14 Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, na me de nso nim me, 15 sɛnea Agya no nim me, na me nso minim Agya no. Na mede me kra meto hɔ mema nguan no. 16 Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako. 17 Eyi nti na agya no dɔ me, efisɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio. 18 Obi nnye me nsam, na m’ankasa na mede meto hɔ; mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛde yi na minyae m’Agya nkyɛn. 19 Ɛnna nsɛm yi nti mpaepaemu baa Yudafo no mu bio. 20 Na wɔn mu bebree kae sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na mutie no? 21 Ebinom se: Nsɛm yi nyɛ nea ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne betumi abue anifuraefo ani anaa? Yesu nsɛnkyerɛnne 22 Na Asɔrefidwira afahyɛ adu wɔ Yerusalem, na awɔw bere aba. 23 Na Yesu nenam asɔrefi Solomon abrannaa so. 24 Ɛnna Yudafo betwaa ne ho hyiae, na wosee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee. 25 Yesu buaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo, na munnye nni; nnwuma a meyɛ m’agya din mu no, ɛno na edi me adanse. 26 Na mo de, munnye nni; efisɛ mumfi me nguan no mu. 27 Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi; 28 na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhuam wɔn mfi me nsam da. 29 M’agya a ɔde wɔn maa me no so sen nneɛma nyinaa; na obi rentumi nhuam wɔn m’agya nsam. 30 Me ne agya no yɛ baako. Yudafo no pɛ sɛ wokum Yesu 31 Ɛnna Yudafo no tasee abo bio sɛ wɔde rebesiw no. 32 Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a efi Agya no nkyɛn; emu nea ɛwɔ he nti na morebesiw me abo yi? 33 Yudafo no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebesiw wo abo, na abususɛm nti, efisɛ wo a woyɛ onipa yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn. 34 Yesu buaa wɔn sɛ: Wɔnkyerɛw mo mmara mu sɛ: Mekae sɛ: Moyɛ anyame? 35 Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wontumi nsan kyerɛw no a, 36 adɛn nti na moka nea Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, sɛ mekae sɛ: Onyankopɔn Ba ne me nti? 37 Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnne munnnye me nnni; 38 na sɛ meyɛ, na me de munnye me nni a, munnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahu sɛ Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ no mu. 39 Ɛnna wɔhwehwɛe bio sɛ wɔkyere no, na ofii wɔn nsa kɔe. Yesu twa kɔ Yordan agya 40 Na osiim kɔɔ Yordan agya noho bio wɔ faako a Yohane bɔɔ asu kan no, na ɔkɔtenaa hɔ. 41 Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne bi de, nanso nneɛma a Yohane kae wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokware. 42 Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana