Yoel 3 - KYERƐW KRONKRONAtamfo so atemmu 1 Na hwɛ, nna no ne bere a mede Yuda ne Yerusalem nnommum no mɛsan maba no mu no, 2 mɛboaboa amanaman nyinaa ano, na mede wɔn mesian maba Yehosafat bon no mu, na me ne wɔn adi asɛm wɔ hɔ, me man ne m’agyapade Israel a wɔabɔ wɔn apete amanaman mu, na wɔakyɛ m’asase no mu nti. 3 Efisɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee aguaman, na wɔtɔn abaawa gyee nsa nomee. 4 Nanso moreyɛ me dɛn, Tiro ne Sidon ne Filistifo amantow nyinaa? So nea mayɛ bi na mode rehyɛ me ananmu, anaasɛ mo na moreyɛ me biribi? Ɔhareso, ntɛmso na mɛdan nea moreyɛ magu mo atifi. 5 Sɛ mofaa me dwetɛ ne me sika, na mode me nnwinne a ɛsɔ ani a eye no kokɔɔ mo asɔrefi. 6 Na Yuda mma ne Yerusalem mma no, motontɔn wɔn maa Helafo, sɛ moreyi wɔn afi wɔn asase so akɔ akyirikyiri. 7 Hwɛ, merenyan wɔn na wɔafi nea motontɔn wɔn kɔe hɔ, na mede nea moayɛ mɛsan mabua mo atifi, 8 na matontɔn mo mmabanin ne mo mmabea mahyɛ Yuda mma nsa, na wɔatontɔn wɔn ama Sabafo, akyirikyiri man bi, AWURADE na waka. 9 Mompae eyi amanaman mu, munnwira ɔsa ho, munnyan nnɔmmarima, akofofo nyinaa ntwiw mmɛn, wɔmforo mmra. 10 Momfa mo nsɔw mmobɔ mfoa, na momfa mo nnare mmobɔ mpeaw. Nea wagurow nka sɛ: Meyɛ dɔmmarima. 11 Monyɛ ntɛm mmra ɛ, mo amanaman a moatwa ahyia nyinaa, mummehyia! Ɛhɔ na, AWURADE, gya wo nnɔmmarima no bra! 12 Amanaman nsɔre ntu mmra Yehosafat bon no mu; na ɛhɔ na mɛtena ase mabu amanaman a wofi afa nyinaa atɛn. 13 Momfa kantankrankyi nhyɛ mu, na nea wotwa ahoa. Mommra mmetiatia so, na nsa-kyi-amoa no ayɛ ma, nkuku no ayɛ ma abu so, na wɔn bɔne adɔɔso. 14 Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmu bon no mu; efisɛ AWURADE da no abɛn, atemmu bon no mu. 15 Owia ne ɔsram aduru sum, na nsoromma agyae haran. Yuda nhyira bere 16 Na AWURADE fi Sion bobom, na ofi Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowosow; nanso AWURADE yɛ guankɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma. 17 Na mubehu sɛ me, AWURADE, mene mo Nyankopɔn a mete Sion, me bepɔw kronkron no so, na Yerusalem bɛdan kronkronbea, na ananafo rentwa mu hɔ bio. 18 Na ɛda no, mmepɔw bɛsosɔ nsamono, na nkoko asen nufusu, na nsu asen Yuda abon nyinaa mu; na nsuaniwa befi AWURADE fi asen, na akɔfɔw Sitim bon no. 19 Misraim bɛdan amamfo, na Edom adan nkyerekyerewa afo, esiane Yuda mma so atirimmɔden no nti, efisɛ wɔahwie mogya a edi bem agu wɔn asase so. 20 Na Yuda de, wɔbɛtena hɔ daa, na Yerusalem atena hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu. 21 Na mɛtɔ wɔn mogya so were, nea mentɔe no, na AWURADE bɛtena Sion ara. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana