Yesaia 8 - KYERƐW KRONKRONWɔde Yesaia ba yɛ nsɛnkyerɛnne ma ɔman no 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa kyerɛwpon kɛse, na fa ɔdesani krammɛn kyerɛw so sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow. 2 Na mɛma adansefo anokwafo, ɔsɔfo Uria ne Yeberekia ba Sakaria adi me adanse. 3 Na mekɔɔ odiyifobea no ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow. 4 Na abarimaa no nnya nhuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asade adi Asaria hene anim. 5 Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ me bio sɛ: 6 Esiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsu a ɛsen brɛoo animtiaa na wɔn ho san wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti, 7 hwɛ, Awurade de asubɔnten no mu nsu a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asaria hene ne n’anuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri asram ne kɔn so nyinaa; 8 na ɛbɛsen afa Yuda mu ayiri akodu kɔn mu, na ne ntaban mu han adu w’asase trɛw so, O Imanuel. 9 Aman, monyɛ hoo, na monnwerɛw ara, asase a ɛwɔ akyirikyiri sofo nyinaa, monyɛ aso, mummia na monnwerɛw, mummia na monnwerɛw. 10 Muntu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, na Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. Onyankopɔn mu gyidi ho kɔkɔbɔ 11 Na sɛɛ na AWURADE de nsa dennen ka kyerɛɛ me, na ɔde teɛɛ me sɛ mennantew ɔman yi kwan so sɛ: 12 Mommfrɛ ade a ɔman no frɛ no atirisopam no nyinaa sɛ atirisopam, na wɔnsuro nso munnsuro, na mo bo nntu. 13 Asafo AWURADE no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo abotu. 14 Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ hintibo ne watiriw botan ama Israel afi abien no nyinaa, na wayɛ hentia ne afiri ama wɔn a wɔte Yerusalem no. 15 Na wɔn mu bebree bɛwatiriw, na wɔahwehwe ase na wɔabubu, na wɔatotɔ afiri mu na wɔayiyi wɔn. 16 Kyekyere adanse no, sɔw kyerɛ no ano, m’asuafo mu. 17 Na metwɛn AWURADE a oyi n’ani hintaw Yakob fi no, na m’ani da no so. 18 Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me no fi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔw so no yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Israel mu. 19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mummisa asamanfrɛfo ne asumanfo a wɔde nnomaa su ne asutu kasa no a, so ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wobisa ne hɔ ade? So awufo hɔ na wommisa ade mma ateasefo? 20 Wonni mmara ne adanse no akyi! Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnne ade renkye wɔn. Ahometew bere 21 Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na aden wɔn na ɔkɔm ade wɔn; na ɛbere a ɔkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyeraw wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadannan wɔn ani akyerɛ soro, 22 na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohia ne sum ni, ahoguan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana