Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 5 - KYERƐW KRONKRON


Bobeturo a ɛnsow aba no ho dwom

1 Ma mento me dɔfo ho dwom, me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho. Me dɔfo wɔ bobeturo bi, asasebere koko bi so;

2 na ɔfɛtɛw mu tutuu mu abo, na ɔtetɛw mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na otuu mu nsa-kyi-amoa nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba. Ɛnna ɛsow abuntwɛre.

3 Na afei, mo a mowɔ Yerusalem ne nnipa a mowɔ Yuda mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.

4 Dɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛe? Ɛdɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba, na asow abuntwɛre yi?

5 Na afei merema moahu nea merebɛyɛ me bobeturo no. Meyi ɛho ban, na mmoa adi, mebubu ne fasu, na wɔatiatia so;

6 mɛma adan ntuw, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔw mu, na afuw nsɔe ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osu sɛ ɛnntɔ nngu so.

7 Na asafo AWURADE bobeturo ne Israel fi, na Yudafo ne n’afuw a ɔdɔ ho; na ɔhwehwɛɛ atemmu, na hwɛ, mogyahwiegu na ohui; ɔhwehwɛɛ trenee, na hwɛ, nteɛm na ɔtee.


Bɔne a nnipa yɛ

8 Wonnue, wɔn a wɔde ɔdan toa ɔdan so, wɔn a wɔde afuw ka afuw ho, kosi sɛ ɔkwan bi nni hɔ bio, na mo nko motena asase no so.

9 Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdan amamfo, adan a ɛsosoe na eye rennya obi ntena mu

10 na bobeturo a anka anantwi mpamho du yɛ mu adwuma no bɛma bobesa twahina biako pɛ, na ahina biako a wɔadua bɛma susukorow biako pɛ.

11 Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di nsa akyi, wɔn a wosi pɛ ma nsa bow wɔn,

12 na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsa wɔ wɔn apontow ase, na AWURADE nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.

13 Enti wɔrebetu me man akɔ, nimdeɛ a wonni nti; na ɔkɔm bekum n’anuonyamfo, na osukɔm ade ne nnipa dodow;

14 enti asaman atrɛw n’akɔnnɔ mu, na ahan n’anom haharaa, na Yerusalem anuonyamfo ne nnipa dodow ne nnipa dɔm ne wɔn a wɔn ani ka mu no asian akɔ hɔ.

15 Na wɔabrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima ahwe fam, na wɔabrɛ ahantanfo aniwa ase;

16 na asafo AWURADE bɛma ne ho so, atemmu mu, na Onyankopɔn kronkron atew ne ho, trenee mu.

17 Na nguammaa bedidi sɛ wɔn adidibea, na ananafo adidi taamudifo amamfo so.

18 Wonnue, wɔn a wɔde amumɔyɛ hama twe atoro na wɔde teaseɛnam ntampehama twe bɔne,

19 wɔn a wɔka sɛ: Ma ɔnyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yenhu! Na ma Israel kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra mma yenhu.

20 Wonnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne, wɔn a wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwenenwene yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwenenwene!

21 Wonnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa ani so anyansafo na wɔyɛ wɔn ani so nhumufo no!

22 Wonnue, asanom mu mmarima ne nsafra mu ahoɔdenfo!

23 Wɔn a wobu ɔbɔnefo bem gye adammude, na wɔmfa nea odi bem no bem mma no.


Ɔsɛe atemmu

24 Enti, sɛ ogyaframa hyew sakran na ogya framfram hyew wura guanguan no, saa ara nso na wɔn ntini bɛporɔw, na wɔn nhwiren betu akɔ sɛ otutuw, efisɛ wɔapa asafo AWURADE mmara, na wɔatew Israel kronkronni no asɛm ahi.

25 Eyi nti AWURADE bo afuw ne man, na ɔteɛ ne nsa hyɛ wɔn na ɔbobɔ wɔn, na ɛma mmepɔw no him, na wɔn afunu yɛ sɛ mmorɔn so sumina, wɔ mmɔnten so, Eyi nyinaa mu no n’abufuw no nnyaee ɛ, na ne nsa mu ateɛ ara.

26 Na obesi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyiri, na wabɔ hwirema afrɛ ɔman bi afi asase ano, na hwɛ wɔreba ɔhare so, ntɛm so.

27 Nea wabrɛ, ne nea ohintiw nni mu, wɔn mu bi ntɔ nko na n’ani nkum, wɔn asen so abɔso rensan, na wɔn mpaboa hama rentew.

28 Wɔn agyan ano yɛ hwirenhwiren, na wɔn ta nyinaa akuntunkuntun; wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twɛrebo, na wɔn nteaseɛnam nan te sɛ kyinhyia mframa;

29 wɔn mmobom te sɛ gyata de, na wɔbobom sɛ agyataforo, wɔpa so kyere wɔn hanam kɔ a ogyefo bi nni hɔ.

30 Na wɔbɛworo ahyɛ wɔn da no sɛ ɛpo woro, na wɔhwɛ asase a, na hwɛ, ahohia ne sum ni, na hann reduru wɔn so sum.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan