Yesaia 43 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn hyɛ bɔ sɛ obegye ne man 1 Na afei, sɛ AWURADE a ɔbɔɔ wo, Yakob, na ɔnwenee wo, Israel, no ka ni: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, me na wowɔ me. 2 Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo. 3 Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel kronkronni, wo gyefo no. Mede Misraim ayɛ agyede ama wo, mede Etiopia ne Saba masi w’ananmu. 4 Sɛ wosom bo m’anim, w’anim aba nyam na me na madɔ wo nti, mede nnipa mɛma masi w’ananmu, na mede aman bi masi wo kra ananmu. 5 Nsuro, na me na me ne wo te. Mede w’asefo mefi apuei aba, na mafi atɔe maboa wo ano; 6 mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafo fam sɛ: Nkora so! Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano: 7 Obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’anuonyam, menwenee no na meyɛɛ no no. AWURADE ne nokware Nyankopɔn 8 Fa ɔman a wɔyɛ anifuraefo nanso wɔwɔ aniwa no fi bra, ɛne asotifo a wɔwɔ aso no. 9 Amanaman nyinaa, munhyia faako, na aman horow mmoa ano. Mo mu hena na ɔbɛka eyi? Na kan nneɛma no, wɔmma yentie! Wɔmma wɔn adansefo mmra, na wonni bem; anaa wɔnte, na wɔnka sɛ: Nokware! 10 Mone m’adansefo, AWURADE na ose, ne m’akoa a mayi no no, sɛ munhu na munnye me nni, na munhu mu sɛ me ara mene no. Wɔnnwenee onyame bi m’anim ɛ, na m’akyi nso obiara remma. 11 Me, mene AWURADE, na ogyefo bi nni hɔ sɛ me! 12 Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate, na ɔfoforo bi nni mo mu; na mone m’adansefo, AWURADE na ose. 13 Mene Nyankopɔn, na efi nnɛ nso, mene no, na obi nni hɔ a oyi fi me nsam; mɛyɛ ade, na hena na ɔbɛdan ani? Onyankopɔn yɛ odimafo 14 Sɛ AWURADE, mo dimafo, Israel kronkronni no se ni: Mo nti mɛsoma akɔ Babel, na mabubu adaban nyinaa, na mama Kaldeafo ahurusidi adan adwotwa. 15 Me, AWURADE, mene mo kronkronni, Israel bɔfo, mo hene no. 16 Saa na AWURADE se, nea ɔma ɛpo mu da ɔkwan na ɔsa da asu a ɛyɛ den mu no, 17 nea ɔmaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ɛdɔm ne nnɔmmarima fii adi no, wɔn nyinaa dedae, na wɔansɔre bio, wɔsae, wodunnumii sɛ asaawa, 18 Monnkae kan nsɛm, na munnnwen atetede. 19 Hwɛ, mereyɛ ade foforo bi, afei na ɛrefifi, so munhu? Mɛbɔ sare so kwan, mɛma nsubɔnten aba anwea pradada so. 20 Wuram mmoadoma bɛhyɛ me anuonyam, sakraman ne nsohori, sɛ mama nsu aba sare so na nsubɔnten aba anwea pradada so, na mede mama me man a mapaw wɔn no anom, 21 ɔman a manwene wɔn mafa no, na wɔaka m’ayeyi akyerɛ. Onyankopɔn dom 22 Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob, na me ho ayɛ wo mfonee, o Israel! 23 Woammrɛ me wo hyew afɔre nguan, na woamfa w’afɔre anhyɛ me anuonyam; mamma woamfa aduan afɔre ansom me, na mamma woammrɛ aduhuam ho; 24 woamfa dwetɛ antɔ ahwerew amma me, na woamma w’afɔre srade ammee me, na mmom, wode wo bɔne yɛɛ m’adesoa, na wode w’amumɔyɛ ma mebrɛe. 25 Me, me ara, mene nea ɔpopa wo mmarato, me ara nti, na wo bɔne nso, merenkae. 26 Bɔ me sobo ɛ, na yemmeyiyi ntɛn; wo de, ka w'asɛm, na woadi bem. 27 W’agya a odi kan no ayɛ bɔne, na wo kasamafo afomfom me, 28 enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusu, na mede Israel mama adapaabɔfo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana