Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 4 - KYERƐW KRONKRON

1 Na mmea baasɔn besuso ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yebedi yɛn ankasa aduan, na yɛahyɛ yɛn ankasa ntade; ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so; na yi yɛn aniwu fi yɛn so.


Yerusalem nkwagye

2 Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.

3 Na nea wɔagyaw no Sion ne nea waka Yerusalem no wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din afra ateasefo mu, Yerusalem nyinaa,

4 da a Awurade de atemmu honhom ne ɔhyew honhom bɛhohoro Sion mmabea ho fi na wayi Yerusalem mogya so afi mu no.

5 Na AWURADE bɛyɛ omununkum ne owusiw awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔw so tenabea nyinaa ne nkurɔfo a wɔahyia hɔ so, na katamanso akata anuonyam no nyinaa so;

6 na ɛbɛyɛ ntamadan a ase wɔ nwini awia, ahohuru mu, ɛne guankɔbea ne hintabea, ɔprannaa ne osutɔ mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan