Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 3 - KYERƐW KRONKRON


Basabasayɛ wɔ Yerusalem

1 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE, beyi Yerusalem ne Yuda akyidua nyinaa, akyidua sɛ nnwumayɛfo nyinaa, akyidua sɛ aduan nyinaa ne akyidua sɛ nsu nyinaa,

2 dɔmmarima ne ɔkofoni, ɔtemmufo ne odiyifo, nkɔmhyɛfo ne ɔpanyin,

3 aduonum so asafohene ne onuonyamfo, ne ofotufo ne dwumfo mu nyansafo, ne nea onim ntafowayi.

4 Na mede mmerantewa mayɛ wɔn asafohene, na mmotafowa adi wɔn so.

5 Na nkurɔfo no bɛkɔ ɔhaw mu, oyi ne oyi, onipa ne ne yɔnko; aberantewa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so, na apapahwekwa nso, onuonyamfo so.

6 Obi mpo bɛkyere obusuani ne nua a ɔwɔ n’agya fi mu sɛ: Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn panyin, na ɔhaw pii yi mmra wo nsa ase a,

7 Nanso ɔbɛma ne nne so da no sɛ: Merenyɛ mo yaresafo, na me fi nso, aduan nni hɔ na atade nni hɔ, munnsi me ɔman panyin.

8 Na Yerusalem adwiriw, na Yuda ahwe ase, efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe ne AWURADE di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua.

9 Wɔn anim su di wɔn adanse, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfo, wonsiw so. Wonnue! Na wɔde bɔne yɛ wɔn ho.

10 Monka ɔtreneeni ho sɛ obedi yiye, na wobedi wɔn nneyɛe so aba.

11 Ao, ɔbɔnefo nnue: Na obedi mmusu, na ne nneyɛe so ade na wɔde bɛma no.

12 Me man de, mmofra na ɛhyɛ no so, na mmea di no so. Ao me man, w’akwankyerɛfo yɛ nnaadaafo, na w’atempɔn no, wɔamene.

13 AWURADE asɔre redi asɛm, na wabegyina hɔ rebu aman atɛn;

14 AWURADE reba abebu ne man mpanyimfo ne n’asafohene atɛn, efisɛ mo na moadi bobeturo no, ɔbrɛfo asade wɔ mo afi;

15 mokyerɛ dɛn sɛ mopɛtɛw me man, na modwɛre abrɛfo anim? AWURADE, asafo AWURADE, asɛm ni.


Wɔbɔ Yerusalem mmea kɔkɔ

16 Na AWURADE aka sɛ: Esiane sɛ Sion mmabea yɛ ahantan na wɔtoto wɔn kɔn deda wɔn ani akyi nantew, na wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyigye nti,

17 Awurade bɛma atikuru agu Sion mmabea mpampam, na AWURADE beyi wɔn adagyaw so.

18 Ɛda no Awurade beyi mfɛfɛwade no, nan ase nkaa ne ntamma ne asramfa,

19 asom nnwinne ne nkapo ne animkata ntontan,

20 abotiri ne anan ntam ntweaban ne abɔso ne ohuam ntoaa ne mmansere,

21 mpɛtea ne hwenem nnwinne,

22 ntade nsakraho ne ntade yuu ne nguguso ne sika nkotoku,

23 nhwehwɛ ne nwera pa ne ntamabamma ne nkataanim.

24 Na ohuam ananmu na ɔbon besi, na ntampe asi abɔso ananmu, na tipae asi mmɛsa ananmu, na ayitama asi atade ananmu, na ɔhyew twa asi ahoɔfɛ ananmu.

25 Wo nnipa bɛtotɔ nkrante ano, ne wo nnɔmmarima ɔsa mu;

26 na n’apon bedi obooboo na atwa adwo, na ɔbɛda mpan na watena fam.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan