Yesaia 16 - KYERƐW KRONKRONMoab ho atemmusɛm 1 Momfa nguammaa mfi Sela mfa anwea so fam nkɔ Sion babea bepɔw no so nkɔma asase no sodifo no. 2 Na Moab mmabaa bɛyɛ sɛ nnomaa a wotu kyini, sɛ berebuw a wɔayi, Arnon asutwaree. 3 Tu fo, bu atɛn; ma wo nwini nyɛ sɛ anadwo, awia ketee; fa wɔn a wɔapam wɔn hintaw, nyi aguanfo mma; 4 ma wɔn a wɔapam wɔn afi Moab no nsoɛ wo nkyɛn, yɛ wɔn hintabea, ɔsɛefo anim! Na opoobɔfo agyae, na ɔsɛe to atwa, na nhyɛsofo nsa asase no so. 5 Na wɔbɛma agua bi atim, adɔeyɛ so, na obi atena so, nokware mu, wɔ Dawid ntamadan mu a obu atɛn na ɔpɛ atɛntrenee, na ɔyɛ adetrenee ntɛm. 6 Yɛate Moab homan a wahoman dodo, sɛnea n’ahomaso te, n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne n’anuɔden ne ahoahoasɛm huhuw no. 7 Enti ma Moab ntwa adwo, ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo, di awerɛhow pii wɔ Kir-hareset bobe aba tetare ho. 8 Na Hesbon mfuw ahome tew; na Sibma bobe, a n’abaa ma aniwa yɛ twann no, amanaman wuranom koduu Yaser, na ekyinii koduu anwea so, n’abaa trɛtrɛwee koduu amanaman so ma ekotwaa po. 9 Enti mede Yaser su misu Sibma bobe no, mede nusu migu wo so, Hesbon ne Eleale, na wo nnuaba ne w’abatew so na ɔko nteɛteɛm aba; 10 na wɔayi anigye ne ahosɛpɛw afi mfuw pa mu, na wɔnte ahurusi dwom anaa nteɛteɛm, bobe nturo mu, na nsakyifo nkyi nsa-kyi-amoa mu nsa, atiatiafo dwom nso, matwa so. 11 Enti me kra ho yeraw no Moab ho sɛ ɔsanku, me yam nso hyehye me Kir-heres ho. 12 Na sɛ Moab yi ne ho adi ba besu, na ɔbrɛ ne ho wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, na ɔhyɛn ne kronkronbea bɛbɔ mpae a, ɔrentumi nyɛ hwee. 13 Eyi ne asɛm a AWURADE aka atia Moab dedaw; 14 na afei AWURADE rekasa sɛ: Ɛha mfe abiɛsa a ɛte sɛ ɔpaani mfe no Moab anuonyam bɛsopa, ɔne ne nnipa dodow no nyinaa; na nkae no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana