Yesaia 12 - KYERƐW KRONKRONNkwagye so aseda dwom 1 Ɛda no na wobɛka sɛ: Mɛda wo ase, O AWURADE, sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ. 2 Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni. Metweri no, na minsuro, na m’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE Nyankopɔn ne m'ahoɔdenne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagye. 3 Na mode anika bɛsaw nsu afi nkwagye asubura no mu. 4 Na da no mobɛka sɛ: Monkamfo AWURADE, mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so! 5 Monto dwom mma AWURADE, na wayɛ ade akɛse; momma wonhu eyi asase nyinaa so. 6 Sion babea, huro na di ahurusi, na Israel kronkronni a ɔwɔ wo mu no so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana