Yesaia 1 - KYERƐW KRONKRON1 Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so. Israel wae ne ho asotwe 2 Ɔsoro, muntie, na asase, yɛ aso, na AWURADE akasa. Mma a matetew wɔn na mama wɔn so na wɔn de, wɔabɔ me so ko. 3 Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim, me man nni ntease. 4 Ao, ɔman nnebɔneyɛfo, ɔman a wɔn asodi yɛ duru, amumɔyɛfo asefo mma a waporɔw wɔagyaw AWURADE, wɔatew Israel kronkronni no ahii, wɔasan wɔn akyi. 5 Ɛdɛn nti na wɔmmɔ mo ara na mokɔ so tew atua yi? Ti mu no nyinaa yare, na koma mu no nyinaa agurow; 6 efi nan ase kosi atifi, mudi biara nni ho, apirakuru ne nsoasoae ne akuru momono a etu mogya; wɔntotoe na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nnwudwoo no ɛ. 7 Mo asase, ada ntuw; mo nkurow, wɔde ogya ahyew, mo mfuw, ananafo redi, mo anim, na asɛe sɛ ananafo abutuw no. 8 Na Sion babea aka sɛ bobeturo mu sese, sɛ fere turom homebea, sɛ kurow a asraafo atwa ho ahyia. 9 Sɛ asafo AWURADE annyaw yɛn nkae ketewaa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan sɛ Gomora. Onyamesom pa ne onyamesom bɔne 10 Muntie AWURADE asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ Gomorafo. 11 Mo afɔre dodow yɛ me dɛn? AWURADE na ose. Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa srade afono me, na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya, ɛnsɔ m’ani. 12 Sɛ moba abepue m’anim a, hena na ose ɔhwehwɛ sɛ mubetiatia m’abangua so? 13 Monnkɔ so mmmfa ayɛyɛde hunu mmma; aduhuam yɛ me akyide, Ɔsram foforo ne homeda, ne gua a mobɔ no, mintumi nhwɛ amumɔyɛ ne nhyiam kronkron. 14 Mo asram foforo ne mo afahyɛ no, me kra kyi; ɛyɛ me ɔhaw, emu kura afono me. 15 Na sɛ motrɛw mo nsam a, meyi m’ani mahintaw mo; nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama. 16 Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ. 17 Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee, monni mma mmɔborɔfo, mommɔ nyisaa ho ban, na mompere mma akunafo. Bɔhyɛ ne ateɛteɛ 18 Mommra mma yensusuw ho ɛ, AWURADE na ose; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa ayɛ sɛ nwera, sɛ ɛbere kɔɔ sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akado. 19 Sɛ mopɛ na mutie a, mubedi asase so nnepa; 20 na sɛ moampene na motew atua a, afoa bɛsɛe mo; na AWURADE ano na aka. 21 Ɛdɛn na kurow nokwafo adan aguaman yi? Nea anka kan atemmu ayɛ no ma, na trenee nso te mu, na afei de, awudifo nko! 22 Wo dwetɛ adan fi, wo nsa pa, wɔde nsu afra mu. 23 Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ ademmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim. 24 Enti Asafo AWURADE, Israel tumfo no, asɛm ni: Ao, meyi m’abufuhyew makyerɛ m’ahohiafo, na mɛtɔ were m’atamfo so. 25 Na mɛdan me nsa maba wo so, na mede gyakisi mɛnan wo mayi wo mu fi, na mayi wo sumpii mfrafrae nyinaa makɔ. 26 Na mɛdan w’atemmufo mama wo sɛ kan no, ne w’afotufo sɛ mfiase no; ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo: Trenee man, nokware kurow. 27 Wɔde atemmu begye Sion, na wɔde trenee agye ne mma a wɔsan ba. 28 Na wɔbɛdwɛre atuatewfo ne nnebɔneyɛfo prɛko, na wɔn a wogyaw AWURADE no bɛhyew. 29 Na mo ani bewu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho, na moafɛre nturo a mopawee no ho. 30 Na mobɛdan sɛ dupɔn a n’ahaban apo, na moayɛ sɛ turo a nsu nni mu; 31 Na ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ asaawa mfuturu, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturuturuwii, wɔ ne wɔn nnwuma nyinaa bɛhyew, a obiara rennum. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana