Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 36 - KYERƐW KRONKRON


Wɔkan nkɔmhyɛ nhoma no

1 Na ɛbae sɛ Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no, asɛm yi fii AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn sɛ:

2 Fa nhoma mmobɔwee bi kura, na kyerɛw nsɛm a maka makyerɛ wo, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa no ho nyinaa, fi da a mekasa mekyerɛɛ wo, fi Yosia bere so de bedu nnɛ da yi no hyɛ mu.

3 Ebia Yuda fi betie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne mafiri wɔn.

4 Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk, na Baruk kyerɛw AWURADE nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yeremia no nyinaa fii n’anom de hyɛɛ nhoma mmobɔwee no mu.

5 Na Yeremia hyɛɛ Baruk sɛ: Me de, wɔato me mu, mintumi menkɔ AWURADE fi.

6 Enti wo de, kɔ na kɔkan AWURADE nsɛm a woakyerɛw afi m’anom no, mmobɔwee no mu, gu ɔman no asom, AWURADE fi, mmuada da no, na kenkan gu Yudafo a wofi wɔn nkurow so ba no nyinaa asom nso.

7 Ebia wɔn nkotɔsrɛ bedu AWURADE anim, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, efisɛ abufuw ne abufuhyew asɛm a AWURADE aka ɔman yi ho no so kokuroo.

8 Na Neria ba Baruk yɛe sɛnea odiyifo Yeremia hyɛɛ no no nyinaa, na ɔkenkan AWURADE nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no, AWURADE fi.

9 Na Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anum, ɔsram a ɛto so akron no, Yerusalemfo nyinaa ne nkurɔfo a wofi Yuda nkurow mu nyinaa baa Yerusalem no, paee AWURADE anim mmuadadi.

10 Ɛnna Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no guu ɔman no nyinaa asom, AWURADE fi, Safan ba ɔkyerɛwfo Gemaria pia a ɛwɔ atifi abangua mu no mu, AWURADE fi ponkɛse foforo no ano.

11 Na Mikaia ba Safan ba Gemaria tee AWURADE nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu no nyinaa no,

12 osian kɔɔ ahemfi kɔɔ ɔkyerɛwfo pia mu, na hwɛ, ɛhɔ na mmapɔmma no nyinaa, ɔkyerɛwfo Elisama ne Semaia ba Delaia ne Akbor ba Elnatan ne Safan ba Gemaria ne Hanania ba Sedekia ne mmapɔmma no nyinaa tetee.

13 Na Mikaia kaa nsɛm a Baruk rekenkan nhoma no agu ɔman no asom no ɔtee no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

14 Ɛnna mmapɔmma no nyinaa somaa Kusi ba Selemia ba Netania ba Yehudi kɔɔ Baruk nkyɛn sɛ: Mmobɔwee a wokenkan guu ɔman no asom no, fa kura wo nsam bra. Na Neria ba Baruk faa mmobɔwee no kuraa ne nsam de baa wɔn nkyɛn.

15 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Tena ase ɛ, na kenkan gu yɛn asom. Ɛnna Baruk kenkan guu wɔn asom.

16 Na wɔtee nsɛm no nyinaa no, wɔde ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho anim, na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ: Yɛbɛka nsɛm yi nyinaa akyerɛ ɔhene.

17 Na wobisaa Baruk sɛ: Ka kyerɛ yɛn, wokyerɛw nsɛm yi nyinaa fii n’anom dɛn?

18 Na Baruk ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔde n’ano kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ me, na me nso mede adubiri mekyerɛw mehyɛɛ nhoma mu.

19 Na mmapɔmma no ka kyerɛɛ Baruk sɛ: Kɔ na kohintaw, wo ne Yeremia, na obiara anhu nea mowɔ.


Wɔsɛe nkɔmhyɛ nhoma no

20 Na wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn abangua no mu, na wɔde mmobɔwee no siei ɔkyerɛwfo Elisama pia mu, na wɔkɔkaa nsɛm no nyinaa guu ɔhene asom.

21 Na ɔhene somaa Yehudi sɛ ɔnkɔfa mmobɔwee no mmra; na ɔkɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama pia no mu bae; na Yehudi kenkanee, ɔhene ne mmapɔmma a wogyinagyina ɔhene ho no nyinaa asom.

22 Na ɔhene te awɔwbere dan mu, ɔsram a ɛto so akron no mu, na ade mu gya a ɛredɛw taa n’anim.

23 Na Yehudi kenkan nhoma abiɛsa anaa anan no, ɔde ɔkyerɛwfo sekan sunsuanee mu, na ɔde guu ogya a ɛwɔ ade no mu no mu kosii sɛ mmobɔwee no nyinaa hyewee, ogya a ɛwɔ ade no mu no mu.

24 Na wɔn koma antutu, na ɔhene ne ne nkoa nyinaa a wɔtee nsɛm yi nyinaa no nyinaa ansunsuane wɔn ntade mu.

25 Nanso Elnatan ne Delaia ne Gemaria paa ɔhene kyɛw sɛ ɔnnhyew mmobɔwee no, nanso wantie wɔn.

26 Na ɔhene no hyɛɛ ɔheneba Yerahmeel ne Asriel ba Seraia ne Abdeel ba Selemia, sɛ wɔnkɔfa ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra; na AWURADE koraa wɔn so.


Wɔkyerɛw nkɔmhyɛ nhoma no bio

27 Na ɔhene hyew mmobɔwee ne nsɛm a Baruk kyerɛw fii Yeremia anom no akyi no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:

28 San fa mmobɔwee foforo, na kyerɛw kan nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee no mu a Yuda hene Yehoiakim hyewee no nyinaa hyɛ mu.

29 Na Yuda hene Yehoiakim ho na ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Wo de, woahyew mmobɔwee yi aka sɛ: Ɛdɛn nti na wokyerɛw emu sɛ: Babel hene bɛba abɛsɛe asase yi, na watɔre ɛso nnipa ne mmoa ase?

30 Ɛno nti sɛ AWURADE ka Yuda hene Yehoiakim ho ni: Ɔrennya obi a ɔbɛtena Dawid agua so, na ne funu nso, wɔbɛtow akyene, na ahohuru afa so awia, na awɔw afa so anadwo.

31 Na ɔno ne n’asefo ne ne nkoa amumɔyɛ no, mɛba mabetua wɔn so ka, na wɔn ne Yerusalemfo ne Yuda mmarima so na mede bɔne a meka mitiaa wɔn na wɔantie no nyinaa mɛba.

32 Ɛnna Yeremia faa mmobɔwee foforo de maa Neria ba ɔkyerɛwfo Baruk, na ɔkyerɛw nhoma a Yuda hene Yehoiakim de ogya hyewee no mu nsɛm no nyinaa fi Yeremia anom hyɛɛ mu, na wɔde nsɛm pii a ɛte sɛ ɛno nso kaa ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan