Yeremia 32 - KYERƐW KRONKRONYeremia tɔ afuw bi 1 Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yuda hene Sedekia afe a ɛto so du, a ɛne Nebukadnesar afe a ɛto so dunwɔtwe no so ni. 2 Ɛno mu na Babel hene dɔm reka Yerusalem ahyɛ mu, na odiyifo Yeremia da dua mu, Yuda hene ahemfi awɛmfo abangua mu. 3 Na Yuda hene Sedekia ato no dua mu wɔ hɔ sɛ: Ɛdɛn nti na wohyɛ nkɔm sɛ: Sɛɛ na AWURADE se: Hwɛ, mede kurow yi mehyɛ Babel hene nsa, na wafa, 4 na Yuda hene Sedekia rennya ɔkwan mfi Kaldeafo nsa, na ɔhyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babel hene nsa, na ɔne no de ano ne ano akasa, na wahu no anim ne anim, 5 na ɔde Sedekia bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɔbɛtena akosi sɛ mɛba mabɛhwɛ no, AWURADE asɛm ni. Sɛ mo ne Kaldeafo ko a, ɛrensi mo yiye. 6 Na Yeremia kae sɛ: AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 7 Hwɛ, w’agya ne nua Salum ba Hanamel bɛba wo nkyɛn sɛ: Tɔ m’afuw a ɛwɔ Anatot no, na wo na ɛfata sɛ wotɔ de gye. 8 Ɛnna m’agya ne nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfo abangua no mu, sɛ AWURADE asɛm no kae no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuw a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase so no, na wo na ade no di ne ne gye wɔ wo. Tɔ fa! Ɛnna mihui sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm. 9 Na metɔɔ afuw no m’agya ne nua ba Hanamel a ɔwɔ Anatot no nkyɛn, na mekarii dwetɛ no, dwetɛ nnwetɛbona dunsɔn memaa no. 10 Na mekyerɛw mehyɛɛ nhoma mu, na mesɔw ano, na mefrɛɛ adansefo, na mede nsenia mekarii dwetɛ no. 11 Na mede ɔtɔ nhoma a wɔasɔw ano no, nea wɔadi ano na wɔahyehyɛ no, ne nea ano da hɔ no, 12 na mede ɔtɔ nhoma no memaa Maaseia ba Neria ba Baruk, m’agya ne nua Hanamel ne adansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔtɔ nhoma no ase no ne Yudafo a wɔtete awɛmfo abangua mu hɔ no nyinaa anim. 13 Na wɔn anim, mehyɛɛ Baruk sɛ: 14 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Fa nhoma yi, ɔtɔ nhoma a wɔasɔw ano yi ne nhoma a ano da hɔ yi, na fa hyɛ kuku bi mu, na ɛnkyɛ nna bebree. 15 Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Wɔbɛtotɔ adan ne mfuw ne nturo asase yi so bio. Yeremia bɔ mpae de srɛ ntease 16 Na mede ɔtɔ nhoma no memaa Neria ba Baruk no, mebɔɔ AWURADE mpae sɛ: 17 Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, wo na wode wo tumi kɛse ne wo basa a ateɛ ayɛ ɔsoro ne asase; biribiara nyɛ wo yɛna; 18 woyɛ nnipa mpem ahorow adɔe, na wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi kokom, wo Onyankopɔn kɛse ne otumfo a asafo AWURADE ne ne din no. 19 Wo a woso, agyinatu mu na w’adeyɛ dɔɔso; wo a w’aniwa bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛ n’akwan ne ne nsɛnnii aba te no; 20 wo a woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade Misraim asase so de besii nnɛ da yi, wɔ Israel ne nnipa nyinaa mu, na wode gyee din, sɛ ɛte nnɛ yi; 21 na wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne nsa a ɛyɛ den ne basa a ateɛ ne ahude kɛse yii wo man Israel fii Misraim asase so, 22 na womaa wɔn asase yi a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wode bɛma wɔn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no; 23 na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi. 24 Hwɛ, mpempe no redu kurow no ho sɛ wɔrebegye, na wɔde kurow no bɛhyɛ Kaldeafo a wɔne no reko no nsam, afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nsɛm a wokae no aba mu, na hwɛ, wuhu. 25 Na wo, AWURADE Nyankopɔn ara, woka kyerɛɛ me sɛ: Fa dwetɛ tɔ afuw no, na hyɛ ho adansefo; nso kurow no na wɔde rehyɛ Kaldeafo nsa yi. Onyankopɔn mmuae 26 Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ: 27 Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; so biribiara bɛyɛ me nwonwa anaa? 28 Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede kurow yi merehyɛ Kaldeafo nsa ne Babel hene Nebukadnesar nsa sɛ ɔmfa, 29 na Kaldeafo a wɔne kurow yi ko no bɛba abɛto kurow yi mu gya, na wɔahyew ɛno ne adan a wɔahyew atifi aduhuam ama Baal na wɔahwie ahwiesa ama anyame afoforo, sɛ wɔde rehuru me bo no. 30 Na Israelfo ne Yudafo de m’anim bɔne yɛ ara nko fi wɔn mmerantebere mu. Na ohuru nko ara na Israelfo de wɔn nsa ano adwuma huru me bo, AWURADE asɛm ni. 31 Na abufuw ne yamgya nko na kurow yi ahyɛ me fi da a wɔkyekyee de bedu nnɛ da yi, sɛ minyi no mfi m’anim, 32 Israelfo ne Yudafo bɔne a wɔyɛe sɛ wɔde rehuru me bo no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahene, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo ne Yuda mmarima ne Yerusalemfo. 33 Na wɔdannan wɔn atiko kyerɛɛ me, na ɛnyɛ wɔn anim; na wɔkyerɛkyerɛ wɔn, wotuaa ahema kyerɛkyerɛ wɔn, nanso wɔantie sɛ wobegye nteɛso. 34 Na wosisii wɔn akyide, ofi a wɔde me din ato no mu de guu ho fi. 35 Na wosisii Baal sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bon mu no, sɛ wɔrema wɔn mmabanin ne wɔn mmabea afa ogya mu ama Molek, nso menhyɛɛ wɔn na ɛmaa me koma mu da sɛ wɔnyɛ saa akyide yi mma Yuda nyɛ bɔne. 36 Na afei ne saa nti sɛɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ka kurow yi a muse afoa ne ɔkɔm ne owuyare nti wɔde ahyɛ Babel hene nsa no ho. 37 Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afi nsaase a m’abufuw ne me yamgya ne anibere kɛse mu misunsum wɔn mekɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asan aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo, 38 na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn. 39 Na mɛma wɔn koma koro ne ɔkwan koro, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wobedi wɔn akyi no yiye. 40 Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensan mimfi wɔn akyi sɛ merenyɛ wɔn yiye bio, na mede me suro mɛhyɛ wɔn komam, na wɔamfi me nkyɛn. 41 Na me ho bɛsan me wɔn yiyeyɛ ho, na mede wɔn madua asase yi so nokware mu, me koma nyinaa mu ne me kra nyinaa mu. 42 Na sɛ AWURADE se ni: Sɛnea mede bɔne kɛse yi nyinaa aba ɔman yi so no, saa ara na mede yiye a mereka wɔn ho no nyinaa mɛba wɔn so. 43 Na wɔbɛtɔ mfuw, asase yi a moka sɛ ayɛ amamfo a onipa ne aboa nni mu bio a wɔde ahyɛ Kaldeafo nsa no so; 44 wɔde sika bɛtotɔ mfuw, na wɔakyerɛw agu nhoma mu asosɔw ano ahyehyɛ ho adansefo, Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkurow mu ne mmepɔw so nkurow mu ne mmepɔw ase nkurow mu ne nifa fam nkurow mu, na mede wɔn nnommum mɛsan aba, AWURADE asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana