Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 25 - KYERƐW KRONKRON


Yuda ne amanaman ho atemmusɛm

1 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a edi kan no mu

2 a odiyifo Yeremia kae, Yuda man nyinaa ho kyerɛɛ Yerusalemfo nyinaa ni:

3 Efi Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba afe a ɛto so dumiɛnsa so de bedu nnɛ da yi, mfirihyia aduonu abiɛsa yi mu, AWURADE asɛm baa me nkyɛn na mituaa ahema meka mekyerɛɛ mo, na moantie.

4 Na AWURADE asoma ne nkoa adiyifo nyinaa aba mo nkyɛn, otuaa ahema somaa wɔn; na moantie, na moammrɛ mo aso ase antie.

5 Wose: Monsan mfi mo akwammɔne so ne mo nsɛnnii bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afi daapem akosi daapem.

6 Na munnni anyame foforo akyi nnkɔsom wɔn nnsɔre wɔn, na mommfa mo nsa ano nnwuma nnhuru me bo, na merenyɛ mo bɔne bi.

7 Na moantie me, AWURADE asɛm ni, na mode mo nsa ano nnwuma huruu me bo ma adan mo bɔne.

8 Enti sɛ asafo AWURADE se ni: Esiane sɛ moantie me nsɛm nti,

9 hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm ni, ne m’akoa, Babel hene Nebukadnesar, na mede wɔn maba asase yi ne ɛsotefo so, ne amanaman yi a wɔatwa ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasaa, na mama wɔadan ahodwiriwde ne fɛwdi ne daa amamfo,

10 na mama ahosan nne ne anigye nne ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, owiyammo nkate ne ɔkanea hann ayera wɔn mu;

11 na asase yi nyinaa bɛdan amamfo ne ahodwiriwde, na amanaman yi asom Babel hene mfirihyia aduɔsɔn.

12 Na ɛbɛba sɛ, sɛ mfirihyia aduɔsɔn wie du a, mɛba mabetua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafo asase no amumɔyɛ so ka, na madan no daa amamfo.

13 Na mɛma me nsɛm a meka miguu asase no so no nyinaa aba mu wɔ so, ade a wɔakyerɛw nhoma yi mu a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm guu amanaman nyinaa so no nyinaa,

14 na amanaman bebree ne ahene akɛse de wɔn bɛyɛ nkoa, na metua wɔn wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.

15 Na sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, aka akyerɛ me ni: Gye abufuhyew nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,

16 na wɔanom atɔ ntintan abobɔ adam, afoa a meresoma aba wɔn mu no ano.

17 Ɛnna migyee kuruwa no AWURADE nsam, na memaa amanaman a AWURADE somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomee,

18 Yerusalem ne Yuda nkurow ne emu ahene ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwiriwde, fɛwdi ne nnome sɛ ɛte nnɛ da yi:

19 Misraim hene Farao ne ne nkoa ne n’asafohene ne ne man nyinaa,

20 ne amamfrafo no nyinaa ne Us asase so ahene nyinaa ne Filistifo asase so ahene nyinaa ne Askelon ne Gasa ne Ekron ne Asdod nkae no,

21 Edom ne Moab ne Amonfo,

22 ne Tiro ahene nyinaa ne Sidon ahene nyinaa ne po akyi noho asase so ahene,

23 Dedan ne Tema ne Bus ne wɔn a wɔatwitwa wɔn bogyesɛputu no nyinaa,

24 ne Arabia ahene nyinaa ne afrafrafo ahene a wɔte anwea pradada so no nyinaa,

25 ne Simri ahene nyinaa ne Elam ahene nyinaa ne Media ahene nyinaa,

26 ne benkum fam ahene nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu biara, ne asase so ahenni horow a ɛwowɔ asase ani nyinaa no, na Sesak hene na ɔbɛka wɔn nyinaa akyi anom.

27 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Monnom na mommobow, na momfefe, na monhwehwe ase, na monnnsɔre, afoa a merema aba mo mu no nti.

28 Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔnom ara na monnom.

29 Na hwɛ, kurow a wɔde me din ato no so na merefi mama bɔne aba yi, na mo de, mobɛfa mo ho adi sɔnn anaa? Moremfa mo ho nni sɔnn, na mmom afoa na merefrɛ aba asase sofo nyinaa so, asafo AWURADE asɛm ni.

30 Enti hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na se wɔn sɛ: AWURADE fi sorosoro bobom, na ɔma ne nne so fi tenabea kronkron hɔ, ɔpae na ɔpaepae mu gu ne nguan yɛmmea so, ɔbɔ ose sɛ bobe abawɔwfo hyɛ asase no sofo nyinaa.

31 Hooyɛ no bedu asase ano noho, na AWURADE ne amanaman reham; ɔrebu ɔhonam nyinaa atɛn; ɔde abɔnefo ato afoa ano, AWURADE asɛm ni.

32 Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, bɔne fi ɔman so kɔ ɔman so, na ahum kɛse retu afi asase anoano.

33 Na da no na AWURADE bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.

34 Mommɔ abubuw, nguanhwɛfo, na monteɛteɛm, na mumpirepirew, nguankuw mu akunini, na mo kum nna adu; na mɛpansam mo na moabobɔ fam sɛ kuruwa a ne bo yɛ den;

35 na nguanhwɛfo no rennya ɔkwan nguan, na nguankuw mu akunini nso rennya ɔkwan mfi mu.

36 Wɔte nguanhwɛfo su ne nguankuw no mu akunini abubuwbɔ, efisɛ AWURADE resɛe wɔn yɛmmea,

37 na asomdwoe tenabea no ayɛ komm, AWURADE abufuw hyewhyew no anim.

38 Wagyaw ne dabere sɛ gyataforo, na wɔn asase adan amamfo, esiane n’afoa nnamnam ne n’abufuw hyewhyew no nti.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan