Yeremia 24 - KYERƐW KRONKRONMmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien no ho anisoadehu 1 AWURADE ma mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkɛntɛn abien a wɔde asisi AWURADE asɔredan anim ni, ɛbere a Babel hene Nebukadnesar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfo ne atomfo fii Yerusalem kɔɔ Babel no. 2 Kɛntɛn biako mu wɔ mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ mmorɔdɔma a ɛbere kan, na kɛntɛn biako no mu wɔ mmorɔdɔma a enye koraa a oye a enye no nti wontumi nni. 3 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Yeremia, dɛn na wuhu yi? Na mise: Mmorɔdɔma; mmorɔdɔma pa no de, eye sɛ, na nea enye no, enye koraa, na oye a enye nti wontumi nni. 4 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 5 Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ mmorɔdɔma pa yi te no, saa na mebu Yuda tukɔfo a mema wofii ha yi kɔɔ Kaldeafo asase so no mayɛ wɔn yiye; 6 na mede m’ani mɛhwɛ wɔn papa so, na mede wɔn masan maba asase yi so, na mede wɔn mesisi hɔ, na merennwiriw wɔn, na medua wɔn, na merentutu wɔn. 7 Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene AWURADE, na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn. 8 Na sɛ mmorɔdɔma bɔne a enye nti wontumi nni no te no, sɛ AWURADE se no ni: Saa ara na meyi Yuda hene Sedekia ne n’asafohene ne Yerusalem nkae a wɔaka asase yi so no ne wɔn a wɔte Misraim asase so no mama, 9 na mama wɔaguan wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadannan ahohora ne akasabebui, mfefewayi ne nnome, baabiara a mesunsum wɔn makɔ; 10 na mɛma afoa, ɔkɔm ne owuyare aba wɔn mu akosi sɛ wɔbɛsa koraa afi asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana