Yeremia 12 - KYERƐW KRONKRONAsɛmmisa ne nkɔmmɔdi 1 AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wobedi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Ɛdɛn nti na abɔnefo kwan si yiye na nkɔnkɔnsafo nyinaa nso ho dwo wɔn? 2 Wotɛw wɔn, na wogye ntini; wonyinnyin na wɔsosow aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne wɔn asaabo ntam pan. 3 Nanso wo, AWURADE, wunim me; wuhu me, na wosɔ me koma hwɛ, sɛ ɛte wo fam! Tutu wɔn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn, na hyira wɔn so sie okum da. 4 Enkosi da bɛn na asase no nni nkɔmmɔ, na afum ahaban ntwintam? Ɛsofo bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, efisɛ wɔka sɛ: Ɔrenhu yɛn awiei. AWURADE ma Yeremia mmuae 5 Sɛ wo ne anammɔnmufo po tu mmirika na wɔma wobrɛ a, ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ besi ammirikakane? Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so po, wohwe ase a, ɛnne wobɛyɛ dɛn Yordan kwae no mu? 6 Na wo nuanom nso ne w’agya fi, wɔn po twa wo nkontompo, wɔn nso teɛm dennen di w’akyi; sɛ wɔka adɔkɔdɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni. 7 Magyaw me fi, matow m’agyapade magu; mede me kra adɔde mahyɛ n’atamfo nsa. 8 M’agyapade adan me sɛ kwae mu gyata; wama ne nne so ahyɛ me, enti mikyi no. 9 So m’agyapade adan me ɔkɔre a ɔdɛnsow? So akɔre atwa ne ho ahyia? Monkɔ nkɔboaboa wuram mmoadoma nyinaa ano mmra, na wommedidi. 10 Mmoahwɛfo pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadan me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no sare pradada; 11 wɔasɛe no pasaa, ayɛ dwerɛbee na esu frɛ me; wɔasɛe asase no nyinaa, nso obi nni hɔ a ɔde sie ne koma mu. 12 Asɛefo aba sare so mpampa nyinaa so, na AWURADE afoa retwitwa afi asase ano akosi asase ano; asomdwoe bi nni hɔ mma ɔhonam biara. 13 Woguu awi, na wotwaa nsɔe; wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee. Na mo ani bewuwu mo nnɔbae ho, AWURADE abufuhyew no ano. AWURADE bɛdom wɔn a wonu wɔn ho no 14 Sɛɛ na AWURADE ka wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapade a mede memaa me man Israel sɛ wonni no, hwɛ, meretutu wɔn afi wɔn asase so, na metu Yuda fi mafi wɔn mu. 15 Na matu wɔn no, akyi no, mɛsan mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa masan maba wɔn agyapade mu ne wɔn asase so mmiako mmiako. 16 Na sɛ wobesua me man akwan yiye aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, sɛnea wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a, ɛnne wɔde wɔn besisi me man mu. 17 Na sɛ wɔantie a, ɛnne metutu saa ɔman no magu, na metutu na maseɛ wɔn, AWURADE asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana