Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 1 - KYERƐW KRONKRON


Yeremia frɛ

1 Hilkia ba Yeremia a ofi asɔfo a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase so, no nsɛm ni.

2 Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba bere so, n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu.

3 Na ɛbae Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba bere so nso, de besii Yuda hene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so dubiako awiei, de besii Yerusalem tu a wotuu wɔn kɔe, ɔsram a ɛto so anum mu no so.

4 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

5 Minnya mennwenee wo ɔyafunu mu no na minim wo na wunnya mfii adi mfii awotwaa mu no, na metew wo ho; misii wo odiyifo memaa amanaman.

6 Ɛnna mekae sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, minnim kasa, na minyin ɛ.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nka sɛ: Minyin ɛ, na mmom, baabiara a mɛsoma wo no kɔ, na asɛm biara a mɛka wo no ka.

8 Nsuro wɔn anim, na wo de, medi w’akyi, na mayi wo, AWURADE asɛm ni.

9 Na AWURADE teɛɛ ne nsa ma ɛkaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede me nsɛm mahyɛ w’anom.

10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo masi amanaman so ne ahenni horow so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woadwiriw, na woasi na woatɛw nso.

11 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Yeremia, dɛn na wuhu? Na mise: Ɔsonkoran kanyan abaa bi na mihu yi.

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ampa, woahu, na merekanyan me ho m’asɛm ho, na mayɛ.

13 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ: Ɛdɛn na wuhu? Na mise: Ɔsɛn a ehuru na mihu, na epue fi atifi fam.

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam nso na adebɔne befi aba asase no sofo nyinaa so.

15 Na hwɛ, mɛfrɛ atifi fam ahenni mmusua nyinaa, AWURADE asɛm ni, na wɔn nyinaa aba de wɔn agua abesisi Yerusalem apon akɛse ano ne n’afasu nyinaa ho ahyia ne Yuda nkurow nyinaa ho,

16 na mabu wɔn, wɔn bɔne nyinaa ho atɛn, sɛ wɔagyaw me, na wɔhyew aduhuam ma anyame foforo, na wɔkotow sɔre wɔn nsa ano adwuma.

17 Enti wo de, bɔ abɔso, na sɔre ka nea mɛhyɛ wo nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mmpopo wɔn anim, na mamma wo ho ampopo wɔn anim.

18 Na me de, hwɛ, ɛnnɛ mede wo mayɛ kurow a ɛyɛ den ne dade dum ne kɔbere afasu matia asase no nyinaa, Yuda ahene, wɔn asafohene, wɔn asɔfo ne asase no so nkurɔfo.

19 Na wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo, efisɛ midi w’akyi, na megye wo, AWURADE asɛm ni.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan