Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yakobo 3 - KYERƐW KRONKRON


Ɔkasa mu ahosohwɛ

1 Me nuanom, monnyɛ akyerɛkyerɛfo bebree, na munim sɛ yebenya afobu kɛse mmom.

2 Efisɛ yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.

3 Yɛde nnareka to apɔnkɔ anom sɛ wontie yɛn, na yɛdannan wɔn aboa mu nyinaa.

4 Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsosoe sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde kudɔɔ ketewaa na ɛdannan no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfo no pɛ.

5 Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi ahyew!


Bɔne a tɛkrɛma tumi yɛ

6 Na tɛkrɛma nso yɛ ogya. Tɛkrɛma wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ nea ɛnteɛ. Ɛde nkekae keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimii a etwa ne ho fi awo mu no, na efi amanehunu kurow no mu na wɔasɔ ano.

7 Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwudwo wɔn, na wɔadwudwo wɔn.

8 Na tɛkrɛma de, onipa biara ntumi nnwudwo no, ɛyɛ ade bɔne a ɛyɛ keka, awuduru ayɛ no ma.

9 Ɛno na yɛde hyira Awurade ne agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Onyankopɔn suban so.

10 Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa!

11 So asuti bi fi nsu dɛdɛ ne nwenenwene wɔ ani koro mu?

12 Me nuanom, so borɔdɔma betumi asow ngodua aba? Anaasɛ obobe betumi asow borɔdɔma? Saa ara nso na asuti nkyenenkyene rentumi mma nsu pa.


Nokware nyansa

13 Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo ne nimdefo? Ɔmfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ odwo a nyansa wɔ mu mu.

14 Na sɛ mowɔ nitammɔne ne atutuw mo koma mu a, ɛnne monnhoahoa mo ho, na munnni atoro nntia nokware.

15 Saa nyansa yi mfi soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne de.

16 Na nea nitan ne atutuw wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛe bɔne nyinaa wɔ.

17 Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye, ɛnyɛ nyaatwom.

18 Na wogu trenee aba asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoe ade.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan