Sakaria 9 - KYERƐW KRONKRONAmanaman asebrɛ 1 Eyi ne Awurade asɛm. Awurade atemmusɛm wɔ Hadrak asase so, ne Damasko ne n’asoɛe; na sɛnea Israel mmusuakuw yɛ Awurade de no, saa ara na Aram ne ne nkuropɔn nso yɛ ne de. 2 Na saa ara na ɔbɛyɛ Hamat, Tiro ne Sidon, sɛ wosusuw sɛ wonim nyansa mpo a. 3 Na Tiro too aban a ɛyɛ den, na otiaa dwetɛ sɛ mfutuma, ne sika kɔkɔɔ sɛ mmorɔn so dɔte. 4 Hwɛ, Awurade bɛma wɔafa no so na wasɛe ne tumi ɛpo mu, na ɔno ankasa de, ogya bɛhyew no. 5 Askelon behu na wasuro, na Gasa, ho apopo sɛ, na Ekron nso, anidaso bɛyɛ ɔkwa, na ɔhene bɛyera afi Gasa, na Askelon nso, wɔrentena mu bio. 6 Na amamfrafo bɛtena Asdod, na metwa Filistifo ahantan to. 7 Na meyi ne mogya, n’anom, ne n’atantanne, ne se mu, na ɔno nso, wobegyaw no ama yɛn Nyankopɔn, na wayɛ sɛ Yuda abusua bi, na Ekron ayɛ sɛ Yebusifo. 8 Na mɛbɔ me fi ho nsra, afi n’atamfo ho ne nea otwam kɔ na ɔsan ba ho, na ɔhawfo bi antwam amfa wɔn mu bio; na afei m’ankasa bɛhwɛ wɔn so. Asomdwoe hene no 9 Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so. 10 Na metwitwa nteaseɛnam afi Efraim, ne apɔnkɔ nso afi Yerusalem, na wɔatwa akodi ta nso; na ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman, na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so, na afi asu ano akosi asase awiei. 11 Wo nso, w’apam mogya no nti meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu. 12 Monsan mmra aban a ɛyɛ den no mu, mo nneduafo a mowɔ anidaso. Ɛnnɛ yi po mereka makyerɛ mo sɛ: Mmɔho na mede mahyɛ mo ananmu. 13 Na makom Yuda sɛ ɔta mafa, mede Efraim mahyɛ mu, na makanyan wo mmabanin, Sion, mahyɛ wo mmabanin, Hela, na mede wo mayɛ sɛ dɔmmarima afoa. 14 Na Awurade beyi ne ho adi wɔn so, na n’agyan afi adi sɛ ɔsraman; na Awurade Nyankopɔn bɛhyɛn torobɛnto, na wanantew ahum a etutu anafo fam mu. 15 Asafo Awurade bɛwaw wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ataabo mu abo so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ kora, sɛ afɔremuka ntwea. 16 Na Awurade wɔn Nyankopɔn begye wɔn nkwa ɛda no sɛ ne man nguankuw, efisɛ wɔbɛyɛ abotiri abo a ɛhyerɛn n’asase no so. 17 Na ne yiye ne dɛn, na n’ahoɔfɛ ne dɛn? Aduan bɛma mmerante anyinyin na nsamono ama mmabaa nso ani agye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana