Sakaria 5 - KYERƐW KRONKRONNhoma mmobɔwee 1 Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, nhoma mmobɔwee a etu ni. 2 Na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mibuaa no sɛ: Mihu nhoma mmobɔwee a etu, ne tenten basafa du, na ne trɛw basafa anum. 3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyi ne nnome a efi adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifo nyinaa ne ntanhunukafo nyinaa fi ha; 4 mama afi adi, asafo Awurade asɛm ni, na abɛhyɛn owifo fi ne nea ɔde me din keka ntanhunu fi, na asoɛ ne fi mfinimfini, na ahyew ɛno ne emu nnua ne abo. Ɔbea a ɔte susukorow mu 5 Ɛnna ɔbɔfo a ɔne me kasae no fii adi na obisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, dɛn na efi adi yi? 6 Na mise: Ɛdɛn ni? Na ose: Efa a efi adi no ni. Na ose: Eyi ne wɔn ahwɛde, asase nyinaa so. 7 Na hwɛ, wɔmaa sumpii bo kurukuruwa bi so, na ɔbea biako a ɔte efa no mu ni. 8 Na ose: Abɔnefosɛm ni. Na ɔtow no kyenee olonka no mu, na ɔtow sumpii bo no kyenee ano. 9 Ɛnna memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, mmea baanu refi adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn de, wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa olonka no faa asase ne ɔsoro ntam. 10 Ɛnna mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Ɛhe na eyinom de olonka no rekɔ yi? 11 Na obuaa me sɛ: Wɔde rekɔ akosi dan ama no Sinear asase so, na wɔasiesie, na wɔde no atena ne tenabea. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana