Sakaria 4 - KYERƐW KRONKRONKaneadua ho oyikyerɛ 1 Na ɔbɔfo a ɔne me kasae no san bae, benyan me sɛ onipa a wonyan no fi ne nna mu, 2 na obisaa me sɛ: Dɛn na wuhu yi? Na mise: Mihu, ɔkaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ngo toa taa atifi, na n’akanea ason wowɔ so na adorobɛn ason ason wɔ hɔ ma atifi akanea no. 3 Na ngo nnua abien sisi hɔ, biako si ngo toa no nifa, na biako si ne benkum so. 4 Na mibuaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Ɛdɛn ne eyinom, me wura? 5 Na ɔbɔfo no gyee so bisaa me sɛ: So wunnim dekode a eyinom yɛ? Na mise: Dabi, me wura. 6 Na obuaa see me sɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden so, na mmom me honhom so, asafo Awurade na ose. 7 Hena ne wo, bepɔw kɛse wobɛdan asasetaw Serubabel anim? Na ɔde atifi bo no befi adi aba, na wɔabobɔ so ose sɛ: Ɔdom, ɔdom mmra so. 8 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 9 Serubabel nsa na ahyɛ ofi yi ase, na ne nsa ara na ebewie, na woahu sɛ asafo Awurade na asoma me mo nkyɛn. 10 Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no. 11 Na mibisaa no sɛ: Dɛn ne kaneadua no nifa ne ne benkum ngo nnua abien yi? 12 Na mibisaa ne mprenu so sɛ: Dɛn ne ngo nnua no abaa abien a ɛwowɔ sika ano abien a ehwie sika no ma efi mu gu no ho yi? 13 Na obuaa me sɛ: So wunnim nea eyinom yɛ? Na mise: Daabi, me wura. 14 Na ose: Eyinom ne nnipa baanu a wasra wɔn ngo na wogyinagyina asase nyinaa wura nkyɛn no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana