Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sakaria 2 - KYERƐW KRONKRON


Onipa a okura susuhama no

1 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a okura susuhama ne nsam ni.

2 Na mibisaa sɛ: Ɛhe na worekɔ? Na obuaa me sɛ: Merekɔ makosusuw Yerusalem mahwɛ sɛ ne trɛw ne ne ntwemu te.

3 Na hwɛ, ɔbɔfo a ɔne me kasae no fii adi, na ɔbɔfo foforo fii adi kohyiaa no,

4 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu mmirika ka kyerɛ aberante yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a enni afasu, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodow nti;

5 na me de, Awurade asɛm ni, m’ankasa mɛyɛ no ogya fasu matwa ne ho ahyia, na mayɛ ne mu anuonyam.

6 Huu, huu! Munguan mfi atifi fam asase so, Awurade asɛm ni, na matrɛw mo mu sɛ ɔsoro mframa anan no, Awurade asɛm ni.

7 Huu, Sion, bɔ wo ho aguaa, wo a wo ne Babel babea te no.

8 Na sɛ asafo Awurade se ni: N’anuonyam nti, na wasoma me amanaman a wɔfom mo no nkyɛn; na nea ɔka mo no, waka Awurade aniwa nkosua.

9 Na hwɛ, wɔn so na mehwim me nsa na wɔadannan afow ade ama wɔn nkoa, na moahu sɛ asafo Awurade na asoma me.

10 To ahurusi dwom, ma w’ani nnye, Sion babea, na hwɛ, mereba mabɛtena wo mu, Awurade asɛm ni.

11 Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ Awurade ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wubehu sɛ asafo Awurade na asoma me wo nkyɛn.

12 Na Awurade bɛfa Yuda adi so sɛ ne kyɛfa, asase kronkron no, na wakɔ so afa Yerusalem ayɛ ne de.

13 Ma akra nyinaa nyɛ komm, Awurade anim, efisɛ wasɔre afi ne tenabea kronkron hɔ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan