Sakaria 12 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn begye Yerusalem 1 Awurade atemmusɛm a ɛfa Israel ho, Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase na ɔnwenee onipa honhom wɔ ne mu no asɛm ni: 2 Hwɛ, mede Yerusalem mɛyɛ ntintantɔ kuruwa mama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso. 3 Na da no, mede Yerusalem mɛyɛ tɔkwaboba mama aman nyinaa; wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano ahyɛ no. 4 Ɛda no, Awurade asɛm ni, mede ahodwiriw mɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefo; na mebue m’aniwa Yuda fi so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifurae mɛbobɔ wɔn. 5 Na Yuda abusua bɛka wɔn koma mu sɛ: Yerusalemfo wɔ ahoɔden, asafo Awurade wɔn Nyankopɔn mu. 6 Ɛda no, mede Yuda abusua no mɛyɛ sɛ nnyina mu ogya asanka ne afiafi mu gyatɛn, na ahyew aman a atwa ho ahyia nyinaa, anafo ne atifi so, na Yerusalem bɛtena n’asase, Yerusalem hɔ ara. 7 Na Awurade begye Yuda ntamadan kan, na Dawid fi anuonyam ne Yerusalemfo anuonyam amma wɔn ho so anhyɛ Yuda. 8 Ɛda no, Awurade bɛwowaw Yerusalemfo, na wɔn mu nea wahodwow ɛda no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade bɔfo a odi wɔn anim. 9 Na ɛda no, mɛhwehwɛ amanaman a wɔbaa Yerusalem so no nyinaa masɛe wɔn. Honhom ho bɔhyɛ. Adwotwa 10 Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de. 11 Ɛda no, abubuwbɔ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon abubuwbɔ no, Megido bon mu, 12 na asase no bɛbɔ abubuw, abusua abusua; Dawid fi abusua nko, ne wɔn yerenom nko, Natan fi abusua nko, ne wɔn yerenom nko, 13 Lewifo abusua nko, ne wɔn yerenom nko, Simei fi abusua nko, ne wɔn yerenom nko; 14 mmusua a aka no nyinaa, mmusua mmusua nkorɛnkorɛ ne wɔn yerenom nkorɛnkorɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana