Sakaria 11 - KYERƐW KRONKRON1 Lebanon, hiɛhiɛ w’apon, na ogya nhyew wo nkyeneduru no. 2 Ɔpopaw, twa adwo, na kyeneduru ahwe fam, efisɛ anuonyamfo asɛe; Basan adum, muntwa adwo, na kwae a ɛkorɔn abrɛ ase. 3 Nguanhwɛfo adwotwa gyigye, na wɔn anuonyam asɛe; agyataforo mmobom gyigye, na Yordan ahohyehyɛde asɛe. Odiyifo no nguanhwɛ adwuma 4 Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn kae: Yɛn okum nguankuw 5 a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkum wɔn na wonni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka Awurade, na manya ade, na wɔn ahwɛfo nso nkyɛe wɔn so no. 6 Na merenkyɛe asase no sofo so bio, Awurade asɛm ni, na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahene nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obi wɔn nsam. 7 Na meyɛn okum nguankuw no, nguan a wɔyɛ mmɔbɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma abien, mefrɛɛ biako sɛ: Adom, na mefrɛɛ biako sɛ: Nkyekyebom; na meyɛn nguankuw no. 8 Na mitwaa nguanhwɛfo no mu baasa kyenee ɔsram biako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahometew, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwini. 9 Ɛnna mekae sɛ: Merenyɛn mo bio; nea owu no nwu, na nea wotwa no kyene no, wontwa no nkyene, na wɔn a wɔaka no, obiako nni ne yɔnko nam. 10 Na mefaa me poma Adom no mibuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pamee no. 11 Na wotuei da no ara, na kuw no mu nguan a wɔyɛ mmɔbɔ a wɔhwɛɛ me no hui sɛ Awurade asɛm ne no. 12 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ eye mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, munnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbona aduasa. 13 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Tow kyene Awurade fi adekorabea, ɛbo a ɛyɛ nyam a wɔde abɔ me nen. Na mefaa dwetɛ nnwetɛbona aduasa no metow mekyenee Awurade fi adekorabea no 14 Na mibuu me dua biako Nkyekyebom no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no. Nguanhwɛfo huhuw no 15 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: San fa oguanhwɛfo kwasea ade fa! 16 Na hwɛ, merema oguanhwɛfo bi so asase no so a nea ɛresɛe no, ɔrenhwɛ, nea apansam no, ɔrenhwehwɛ, na nea abubu no, ɔrensa no yare; nea ɛwɔ ahoɔden no, ɔrennyigye no, na nea adɔ srade no nam na obedi, na wapaepae wɔn ntɔte mu. 17 O me nguanhwɛfo hunu a ogyaw nguankuw no nnue! Afoa bɛba ne basa so ne n’aniwa nifa so; ne basa bewu, na n’aniwa nifa afura. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana