Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafo 4 - KYERƐW KRONKRON


Wɔde Abraham yɛ mfatoho

1 Afei dɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho?

2 Na sɛ efi nnwuma mu na wobuu Abraham bem a, ɛnne na ɔwɔ nea ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn anim.

3 Na dɛn na kyerɛw no se? Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno sɛ trenee maa no.

4 Na nea ɔyɛ nnwuma no de, wommu n’akatua sɛ adom, na mmom sɛ ɛka bi a wɔretua ama no.

5 Na nea ɔnyɛ nnwuma, na ogye nea obu obusuyɛfo bem di no, wobu ne gyidi sɛ trenee ma no.

6 Sɛnea Dawid nso ka sɛ nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu trenee ma no no dea,

7 sɛ: Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn na wɔn bɔne so akata.

8 Nhyira ne onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu no so.

9 Ɛnne na nhyira yi ba twetiafo nko anaa momonotofo nso so? Efisɛ yɛka sɛ wobuu gyidi sɛ trenee maa Abraham.

10 Na wobu maa no dɛn? Ɔwɔ twetiatwa mu anaa momonotoyɛ mu no a? Ɛnyɛ twetiatwafo mu, na mmom momonotoyɛ mu.

11 Na onyaa twetiatwa sɛnkyerɛnne sɛ ne momonotoyɛ mu gyidi a ɔde nyaa trenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifo nyinaa agya, na wɔabu trenee no ama wɔn nso,

12 na wayɛ twetiafo agya nso, a ɛnyɛ sɛ wofi twetiatwa mu nko, na mmom wotiatia yɛn agya Abraham gyidi a ɔwɔ, bere a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.


Gyidi mu na wɔnam gye Nyankopɔn bɔhyɛ

13 Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefo sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo no nam bae, na mmom ɛnam gyidi trenee so.

14 Na sɛ wɔn a wofi mmara mu no yɛ adedifo a, na gyidi no ayɛ kwa, na bɔhyɛ adan ohunu;

15 efisɛ mmara no twe abufuw ba. Na nea mmara bi nni no, mmarato nso nni hɔ.

16 Enti efi gyidi mu, sɛ emfi adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n'asefo no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wofi mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wofi Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya gyidi mu no nso bi,

17 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufo bebree agya,) Onyankopɔn a ogyee no dii a onyan awufo na ɔfrɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no anim.

18 Ɔno na faako a anidaso nni no, ogyina anidaso so gye dii, na wayɛ amanaman mufo bebree agya, sɛnea wɔaka no sɛ: Sɛnea w’asefo bɛyɛ ne no.

19 Na wanyɛ mmerɛw gyidi mu anhwɛ ne nipadua sɛ wadi mfirihyia bɛyɛ ɔha nti anya awu, ne Sara yafunu a emu ato no;

20 na Onyankopɔn bɔhyɛ no ho de, wamfa ogye a wonnye nni annye kyim, na mmom onyaa gyidi mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam,

21 na onim ampa sɛ, nea wahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso.

22 Enti nso wobuu no sɛ trenee maa no.

23 Na ɛnyɛ ne nko nti na wɔakyerɛw eyi, sɛ wobuu no saa maa no,

24 na mmom yɛn nso a yegye nea onyan yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no di no, wobebu no saa ama yɛn;

25 ɔno na yɛn mfomso nti woyii no mae, na yɛn bembu nti wonyan no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan