Ɔsɛnkafo 1 - KYERƐW KRONKRONAbrabɔ yɛ ade huhuw 1 Dawid ba, Ɔsɛnkafo a odii hene Yerusalem no nsɛm ni. 2 Ahuhude mu ahuhude! Ɔsɛnkafo na ose; ahuhude mu ahuhude! Ade nyinaa yɛ huhuw. 3 Mfaso bɛn na onipa nya ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu? 4 Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa. 5 Owia pue, na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afa a efi hɔ na ɛsan pue. 6 Mframa kɔ nifa fam, na ɛdan ba benkum fam; ɛde adannan kɔ, na n’adannan no so na mframa no nam san ba. 7 Nsubɔnten nyinaa sen kɔ po mu, nanso ɛpo renyɛ ma: Faako a nsubɔnten no nenam kɔ no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ bio. 8 Nsɛm nyinaa yɛ ɔbrɛ nko ara; obiara ntumi nka; ɔhwɛ mmee aniwa, na ɔte nso nyɛ aso ma. 9 Dɛn ne nea aba? Ɛne nea ɛbɛba; na ɛdɛn ne nea wɔayɛ? Ɛne nea wɔbɛyɛ; na ade foforo biara nni hɔ owia ase. 10 Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka sɛ: Hwɛ, eyi de, ɛyɛ foforo, anaa? Tete nteredee bere a edi yɛn anim no so na ɛbae. 11 Nkae bi nni hɔ mma kanfo no, na nkyirimma a wɔbɛba no nso rennya nkae bi, wɔn a wobedi akyiri aba no nkyɛn. Onimdefo no Nyansasua 12 Me ɔsɛnkafo, midii Israel so hene Yerusalem, 13 na mede me koma memae sɛ mede nyansa merebisa na mahwehwɛ nneɛma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato nnipa mma so sɛ wɔmmrɛ mu ne no. 14 Mihuu nnwuma a wɔyɛ owia ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu. 15 Nea akyea no, wontumi nteɛ, na nea aka mu no, wontumi nkan. 16 Mekaa wɔ me komam sɛ: Me de, hwɛ, mama me nyansa aso ayɛ bebree sen wɔn a wodii me kan Yerusalem nyinaa, na me koma ahu nyansa ne nimdeɛ a ɛdɔɔso. 17 Na mede m’adwene mehwɛe sɛ mehu nyansa, na mahu adammɔ ne nkwaseasɛm, na nso mahu sɛ eyi nso yɛ ɔdadwen hunu. 18 Na nyansa dodow mu wɔ ɔhaw dodow, na nea otia nimdeɛ no tia awerɛhow. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana