Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 99 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn kronkron ho ayeyi

1 AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.

2 AWURADE yɛ kɛse wɔ Sion, na wɔama no so, aman nyinaa so.

3 Wobeyi wo din kɛse a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron.

4 Ɔhene tumfo a wodɔ atemmu, wo na wubu atɛntrenee, Yakob mu atemmu ne trenee, wo na wubu.

5 Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkotow nsɔre, ne nan ase agua anim, ɔno na ɔyɛ kronkron.

6 Mose ne Aaron wɔ n’asɔfo mu, na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu, wɔfrɛɛ AWURADE, na ogyee wɔn so.

7 Ɔkasa kyerɛɛ wɔn omununkum dum mu, wodii n’adansesɛm ne ahyɛde a ɔde maa wɔn no so.

8 AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wugyee wɔn so, woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ, ne wɔn nneyɛe so weredifo.

9 Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkotow nsɔre, ne bepɔw kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan