Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 96 - KYERƐW KRONKRON


Asase nyinaa wura no ayeyi
( 1 Berɛsosɛm 16.23-33 )

1 Monto dwom foforo mma AWURADE, asase nyinaa, monto dwom mma AWURADE.

2 Monto dwom mma AWURADE, munhyira ne din, monka ne nkwagye da biara da.

3 Monka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu.

4 Na AWURADE yɛ kɛse, na ɔsɛ ayeyi sɛ, ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so,

5 na aman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuw, na AWURADE mmom na ɔyɛɛ ɔsoro.

6 Ɔharan ne anuonyam wɔ n’anim, tumi ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea hɔ.

7 Aman mmusuakuw, momfa mma AWURADE momfa anuonyam ne tumi mma AWURADE.

8 Momfa AWURADE din anuonyam mma no, monsoa ayɛyɛde mmra n’abangua so.

9 Monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu, asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim.

10 Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene, na wiase tim hɔ a ɛrenhim, na obedi aman so, trenee mu.

11 Ma Ɔsoro ani nnye na asase ho asan no, Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo.

12 Ma Petee mu ne nea ɛwom nyinaa nni ahurusi, ɛno na kwae mu nnua nyinaa bɛto ahosan nnwom,

13 Wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abebu asase atɛn. Ɔrebebu wiase atɛn trenee mu, ne amanaman, ne nokware mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan