Nnwom 91 - KYERƐW KRONKRONƆsorosoroni no hintabea 1 Nea ɔte ɔsorosoroni no hintabea, Mekyerɛ nea ɔte Otumfo no nwini ase no, 2 Bese AWURADE sɛ: Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so. 3 Ampa ara ɔno na obegye wo afi ofirisumfo afiri mu ne owuyare sɛe mu. 4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo so, na ne ntaban ase na wobɛkɔ akɔdɔ, ɔkyɛm ne nkatabo ne ne nokware. 5 Worensuro anadwo wibɔ, bɛmma a etu nam awia, 6 ɔyaredɔm a ɛnenam sum mu, nsan yare a ɛsɛe ade awia ketee. 7 Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo de, ɛrenka wo. 8 W’aniwa nko na wode bɛhwɛ, na woahu abɔnefo akatua. 9 Na wo, AWURADE, ne me guankɔbea, Yiw, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea. 10 Bɔne renka wo, na ɔhaw remmɛn wo ntamadan. 11 Na wahyɛ n’abɔfo ama wo, sɛ wɔnhwɛ wo so w’akwan nyinaa mu. 12 Wɔbɛsoa wo wɔn nsam, na wo nan ampem ɔbo. 13 Wobɛnantew gyata ne ahurutoa so, wubetiatia gyataforo ne ɔtweaseɛ so. 14 Na sɛ ɔfam me ho yi, megye no, mɛma no so, na onim me din. 15 Osu frɛ me, na megye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, meyi no na mahyɛ no anuonyam. 16 Mɛma wadi nkwa tenten amee, na mama wahu me nkwagye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana