Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 9 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn atemmu ho aseda dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mut labben! sanku nne so. Dawid dwom”

1 Mede me koma nyinaa bɛda AWURADE ase, AWURADE, mɛka w’anwonwade nyinaa akyerɛ.

2 Megye m’ani na madi ahurusi wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ho ayeyi dwom.

3 Efisɛ m’atamfo asan wɔn akyi, wɔatotɔ, na wɔayera w’anim.

4 Woatena atemmu agua so abu atɛntrenee, woadi m'asɛm abu me bem.

5 Woateɛteɛ amanaman, woasɛe abɔnefo, woapopa wɔn din korakorakora.

6 Atamfo awie sa, wɔadan daa amamfo, na wɔn nkurow ase ahyew, wɔn nkae ayera.

7 Na AWURADE de, ɔte n’ahengua so daa, ɔde n’agua asi hɔ rebu atɛn.

8 Ɔno na obebu wiase atɛntrenee mu, na wadi aman asɛntrenee mu.

9 AWURADE bɛyɛ guankɔbea ama nea wɔrepɛtɛw no, ahokyere bere mu guankɔbea.

10 Na wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.

11 Monto ayeyi dwom mma AWURADE a ɔte Sion, monka ne nneyɛe nkyerɛ, aman mu,

12 sɛ, nea odi mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfi abrɛfo nteɛm.

13 AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amane a efi m’atamfo, wo a woma me so fi owu abobow ano,

14 na menka w’ayeyi nyinaa menkyerɛ, Sion babea aponkɛse mu, na minni ahurusi wo nkwagye mu.

15 Amanaman amemem amoa a wotui no mu, afiri a wosum hintawee no ayi wɔn ankasa.

16 AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefo nsam nneyɛe atoatoa no.

17 Abɔnefo bɛsan akɔ Asamando, amanaman a wɔn werɛ afi Nyankopɔn nyinaa.

18 Na ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani, na ɛnyɛ daa na mmɔborohununi anidaso bɛyera.

19 AWURADE, sɔre, mma ɔdesani nnni nim, ma wommu amanaman atɛn, w’anim.

20 AWURADE, yi wɔn hu, na amanaman nhu sɛ wɔyɛ adasamma.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan