Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 87 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn kurow mufo
Kora mma dwom

1 Onyankopɔn kurow a ɔkyekyee wɔ mmepɔw kronkron so:

2 AWURADE dɔ Sion apon sen Yakob tenabea nyinaa.

3 Wɔka wo ho anuonyamsɛm, Onyankopɔn kurow. Sela

4 Sɛ mebɔ Misraimfo, Babelfo Filistifo ne Etiopiafo din mefra wɔn a wonim me mu mpo a eyinom wɔwoo wɔn wɔ hɔ ara. Hwɛ, Filistia ne Tiro ne Etiopia nso, nea wɔwoo no wɔ hɔ no ni.

5 Na Sion ho de, wɔbɛka sɛ: Wɔwoo wɔn nyinaa mmiako mmiako wɔ ne mu, na ɔsorosoroni no ankasa na ɔma n’ase tim.

6 Sɛ AWURADE kyerɛw aman din a, ɔbɛka sɛ: Oyi, wɔwoo no hɔnom. Sela

7 Na nnwontofo ne asawfo bɛka sɛ: Me mmasu nyinaa wɔ wo mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan