Nnwom 86 - KYERƐW KRONKRONAhohia kɛse mu mpaebɔ Dawid mpaebɔ 1 AWURADE, brɛ w’aso ase tie me, na meyɛ mmɔboroni ne hiani. 2 Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefo, wo, me Nyankopɔn, gye w’abofra a ɔde ne ho tweri wo. 3 O, AWURADE hu me mmɔbɔ, na wo na misu mefrɛ wo daa adesae. 4 Ma w’akoa kra ani nnye, na wo, Awurade, na mema me kra so mema. 5 Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa. 6 AWURADE, yɛ aso ma me mpaebɔ, na tie me nkotɔsrɛ nne. 7 M’ahohia da mu mefrɛ wo, na wubegye me so. 8 Obiara nte sɛ wo, anyame mu, Awurade, na biribiara nte sɛ wo nnwuma. 9 Amanaman a woyɛe nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, Awurade, na wɔabɛhyɛ wo din anuonyam. 10 Na woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade, wo nkutoo ne Nyankopɔn. 11 AWURADE, kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din. 12 O Awurade, me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa mɛda wo ase, na mahyɛ wo din anuonyam daa, 13 sɛ w’adɔe so wɔ me so, na woayi me kra afi asaman bun mu. 14 Onyankopɔn, ahantanfo asɔre ahyɛ me, na atirimmɔdenfo asafo rehwehwɛ me kra, na wɔamfa wo ansi wɔn ani so. 15 Na wo, Awurade, woyɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔe ne wo nokware dɔɔso. 16 Dan w’ani kyerɛ me, na dom me, fa w’ahoɔden ma w’akoa, na gye w’afenaa ba nkwa. 17 Yɛ me ho sɛnkyerɛnne ma ensi me yiye, na m’atamfo nhu, na wɔn ani nwu, sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekye me werɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana