Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 85 - KYERƐW KRONKRON


Ɔdom ho adesrɛ
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora mma dwom

1 AWURADE, woadom w’asase, wode Yakob agyapade asan aba,

2 wode wo man mfomso, akyɛ woakata wɔn bɔne nyinaa so. Sela

3 Woatwe w’anibere nyinaa, woadan afi w’abufuw hyewhyew no mu.

4 Yɛn nkwagye Nyankopɔn, san fa yɛn bra, na twa wo bo a ehuru yɛn no to wo yam.

5 So wo werɛ bɛhow ahyɛ yɛn akosi daa a? Wobɛtwe w’abufuw mu akɔ awo ntoatoaso a edidi so mu?

6 So worensan mma yɛn nkwa, na wo man ani nnye wo ho?

7 AWURADE, ma yenhu w’adɔe, na fa wo nkwagye ma yɛn.

8 Metie nea Onyankopɔn AWURADE bɛka. Ampa, ɔka asomdwoesɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefo; na mma wɔnnsan nnkɔ nkwaseade mu.

9 Ampa ara, ne nkwagye bɛn wɔn a wosuro no, na anuonyam atena yɛn asase so.

10 Ɔdom ne nokware behyia, na trenee ne asomdwoe adi mfewano.

11 Nokware befifi asase so, na trenee afi soro ahwɛ.

12 Nso AWURADE bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.

13 Trenee bedi n’anim, na asi n’anammɔn kwan so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan