Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 83 - KYERƐW KRONKRON


Israel atamfo
Asaf dwom

1 Onyankopɔn, nyɛ komm, mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn.

2 Na hwɛ, w’atamfo yɛ gyegyeegye, na wɔn a wokyi wo ama wɔn ti so.

3 Wo man tiri so na wɔrepam anyansapam, na wɔkɔ wɔn a wɔahintaw no ti so agyina.

4 Wɔka sɛ: Mommra mma yɛntɔre wɔn ase mfi ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio.

5 Na wɔde koma koro tu agyina, wo tiri so na wɔpam.

6 Edom ntamadan ne Ismaelfo, Moab ne Hagarfo,

7 Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifo asase ne wɔn a wɔte Tiro.

8 Asaria nso de ne ho bataa wɔn ho, wɔaboa Lot mma. Sela

9 Yɛ wɔn sɛ Midian, sɛ Sisera, sɛ Yabin, Kison subon mu.

10 Wɔsɛee wɔ En-dor, na wɔyɛe sɛ nwura dodow maa asase.

11 Yɛ wɔn ne wɔn adehye sɛ Oreb ne Seeb, na yɛ wɔn ahemfo nyinaa sɛ Sebah ne Salmuna,

12 wɔn a wɔka sɛ: Momma yɛmfa Onyankopɔn afi nni no.

13 Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ ahum a edi kyinhyia, sɛ mframa anim ntɛtɛwa.

14 Sɛ ogya hyew kwae na ogyaframa taforo mmepɔw ho no,

15 saa ara na fa w’ahum taa wɔn, na fa wo mframa dennen no yi wɔn hu.

16 AWURADE, ma wɔn ani nwu, na wommisa wo din akyi kwan.

17 Ma wɔn anim ngu ase na wɔmmɔ twi daa, na wɔmmɔ adapaa na wɔnyera,

18 na wonhu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan