Nnwom 82 - KYERƐW KRONKRONIsrael atamfo Asaf dwom 1 Onyankopɔn gyina Onyankopɔn asafo mu, obu atɛn anyame ntam. 2 Da bɛn na mubebu ntɛnkyew, na moahwɛ abɔnefo anim akosi? Sela 3 Munni mpere ɔbrɛfo ne ayisaa, munni asɛntrenee mma ɔmanehunufo ne mmɔboroni. 4 Munnye ɔbrɛfo ne hiani, munhwim wɔn mfi abɔnefo nsam. 5 Wonnim de, na wɔnte ase, esum mu na wɔnantew kɔ, asase nnyinaso nyinaa rewosow. 6 Me de, maka sɛ: Moyɛ anyame, na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma, 7 nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ, na moatotɔ sɛ ahemfo mu biara. 8 Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wubedi ade, amanaman nyinaa mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana