Nnwom 81 - KYERƐW KRONKRONNokware afahyɛ Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no Gatfo sanku nne so. Asaf de 1 Mommɔ ose mma Onyankopɔn, yɛn ahoɔden, munhuro mma Yakob Nyankopɔn. 2 Monto dwom na monyan mpintin, mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta sanku. 3 Monhyɛn torobɛnto ɔsram foforo so, ɔsram korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da. 4 Na ɛnyɛ sɛnnahɔ mma Israel, atɔremude mma Yakob Nyankopɔn. 5 Ɔde adi adanse, Yosef mu, ɛbere a ofii adi faa Misraim asase so, metee obi a minnim no kasa. 6 Miyii ne mmati fii adesoa ase, ne ne nsa fii kyerɛnkyɛ ho; 7 wofrɛe ahohia mu, na miyii wo wɔ mu, mifi ɔprannaa mu migyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛe Meriba asu ho. Sela 8 Me man, tie, na minni wo adanse! O, Israel, sɛ wubetie me ɛ! 9 Mma Onyame nanani bi nntena wo mu, na nsɔre onyame nanani biara. 10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so mebae no, tɛɛ w’anom tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma. 11 Nanso me man antie me nne, na Israel ampene me. 12 Na migyaa wɔn wɔn koma denyɛ mu, ma wɔnantew wɔn ankasa tirim agyina a wotuu mu. 13 Ao, sɛ me man tie me ɛ, sɛ Israel nantew m’akwan so ɛ! 14 Anka ɛnkyɛ na mabrɛ wɔn atamfo ase, na madan me nsa mahyɛ wɔn ahohiafo. 15 Anka AWURADE atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama no, na wɔn bere akyɛ akosi daa. 16 Na ɔde awi mu awi pa bɛyɛn wɔn, na mede abotan mu wo mɛma woamee. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana