Nnwom 8 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn anuonyam ne Onipa dibea Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no Gatfo nne so. Dawid dwom 1 Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so! Wo a wode w’anuonyam akata ɔsoro, 2 wo a w’anuonyam pue mmofra ne nkokoaa anom wo a woasiesie abankɛse, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfo ne werefo ano. 3 Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsatea ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, 4 ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho! 5 Na woama aka no kakra na wasɛ Onyame, wode anuonyam ne nidi na abɔ no abotiri. 6 Woama wadi wo nsa ano nnwuma so, wode nneɛma nyinaa ahyɛ n’anan ase: 7 Yiw nguan ne anantwi nyinaa ne wuram mmoa nso, 8 wim nnomaa ne po mu mpataa, mmoa a ɛnam po mu akwan so. 9 Ao! AWURADE, yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana