Nnwom 79 - KYERƐW KRONKRONYerusalem sɛefo ( Nnwom 74 ) Asaf dwom 1 Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapade mu, wɔagu w’asɔrefi kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agowagow. 2 Wɔde wo nkoa amu ama wim nnomaa adi, wɔde w’ahotefo nam ama asase so mmoa. 3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsu de atwa Yerusalem ho ahyia, na nea osie wɔn nni hɔ. 4 Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛwdi ne ahiiyi ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia. 5 Enkosi da bɛn, AWURADE, na wo bo befuw daa yi, na wo ninkuntwe adɛw sɛ ogya? 6 Hwie w’abufuw gu amanaman a wonnim wo ne ahenni a wɔmmɔ wo din no so, 7 na wɔamene Yakob, na wɔagu ne tenabea. 8 Nkae kanfo amumɔyɛ mfa ngu yɛn so, yɛ ntɛm ma w’ayamhyehye mmehyia yɛn, na wɔabrɛ yɛn ase fɛmm. 9 Di boa yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo din anuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so. 10 Adɛn nti na amanaman nka sɛ: Wɔn Nyankopɔn wɔ he? Ma wonhu amanaman mu, yɛn anim, sɛ wudi wo nkoa mogya a wɔka gui no so were. 11 Ma ɔpokyerɛni apinisi nnu w’anim, sɛ wo nsa kɛseyɛ te no, kora owu mma so. 12 Na ahohora a wɔn a wɔtete yɛn ho de abɔ wo, AWURADE, no, dan no mpɛn ason gu wɔn kokom. 13 Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nguan no, yɛbɛda wo ase daa, yɛbɛka w’ayeyi akyerɛ awo ntoatoaso nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana