Nnwom 73 - KYERƐW KRONKRONNHOMA A ƐTO SO ABIƐSA ( Nnwom 73—89 ) Gyidi mu tumi Asaf dwom 1 Ampa ara, Onyankopɔn ye ma Israel, ma wɔn a wɔn komam tew. 2 Na me de, anka me nan reyɛ aman, m’anammɔn rekame awatiriw. 3 Na metwee ahupoofo ho ninkunu, efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no. 4 Wonhu owu mu aninyanne, na wɔwɔ ɔhonam ne ahoɔden. 5 Ɔdesani haw de, wonni bi, nanso wonguan wɔn ho sɛ nnipa binom. 6 Enti ahantan adi wɔn kɔn ho barehyia, na akokobirisɛm asi wɔn adurade. 7 Srade ama wɔn ani apupuw, wɔn komam adwene fi bu so. 8 Wosi atwetwe na wɔde tibɔne ka amimdi asɛm, wɔka akokurokosɛm. 9 Wɔma wɔn ano to ɔsoro, na wɔn tɛkrɛma nenam asase so. 10 Enti wɔn nkurɔfo twiw bɛdan wɔn, na wonya nsu kuruwa ma nom. 11 Na wose: Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn behu, so nimdeɛ wɔ ɔsorosoroni no tirim anaa? 12 Hwɛ, eyinom ne abɔnefo, nanso wɔn ho dwo wɔn daa, wɔama wɔn ade adɔɔso. 13 Ampa ara, matew me koma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa, 14 nanso wɔahaw me daa adesae na wɔatwe m’aso daa anɔpa. 15 Sɛ mise: Mɛka no sɛɛ de a, anka matwa wo mmasanten nkontompo. 16 Na misusuw ho sɛ mehu ade yi, ɛyɛɛ m’ani so den dodo, 17 kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkron mu hɔ mikohuu nea akyiri kowie wɔn. 18 Ampa ara, wode wɔn gyina nea ɛhɔ yɛ toro, wode wɔn hwe fam bubu wɔn pasaa. 19 Hwɛ sɛ wɔadan sɛ amamfo mprempren yi ara, ehu ama wɔawie sa. 20 Sɛ ɔdae a wɔaso anyan, na wo, AWURADE, wohwanyan wo ho a, woma ani pa wɔn sunsumaban so. 21 Sɛ ɛyɛ me koma awerɛhow na m’asaabo mu wowɔ me a, 22 anka meyɛ ɔkwasea a minnim de, na mayɛ sɛ aboa, w’ani so. 23 Na me de, mɛtena wo nkyɛn daa yi, woaso me nsa nifa mu. 24 Wonam w’atirimpɔw so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyiri no, woagye me akɔ anuonyam mu. 25 Hena na mewɔ no ɔsoro? Na sɛ wowɔ me a, menhwehwɛ asase so hwee. 26 Ma me honam ne me koma nwie sa, Onyankopɔn ne me koma botan ne me kyɛfa daa. 27 Na hwɛ, wɔn a wofi wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wofi wo nkyɛn kɔbɔ aguaman nyinaa. 28 Na me de, Onyankopɔn nkyɛn tena ye ma me, mede AWURADE mayɛ me guankɔbea, na maka wo nnwuma nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana