Nnwom 72 - KYERƐW KRONKRONAsomdwoe hene ne n’ahenni Solomon de 1 Onyankopɔn, fa w’atemmu ma ɔhene, ne wo trenee ma ɔhene ba. 2 Ma ɔmfa trenee nni wo man so, na ɔmfa atemmu nhwɛ w’amanehunufo. 3 Mmepɔw bɛsow asomdwoe ama ɔman, na nkoko nso de trenee aba. 4 Obedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa, na wabubu nhyɛsofo mu pasapasa. 5 Owia ne ɔsram da so wɔ hɔ yi, wobesuro wo, awo ntoatoaso nyinaa mu. 6 Ɔbɛba sɛ osu a ɛtɔ gu sare a wɔahuw so so, sɛ osu kɛse a ɛtɔ dwudwo asase mu. 7 Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. 8 Obedi hene afi po so akosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano. 9 Wɔn a wɔte sare so bɛkotow n’anim, na n’atamfo ataforo mfutuma. 10 Tarsis ne nsupɔw mu ahene bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahene bɛba abɛkyɛ ade. 11 Na ahene nyinaa bɛkotow asɔre no, amanaman nyinaa bɛsom no. 12 Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. 13 Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. 14 Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim. 15 Na obenya nkwa, na ɔde Seba sika no bi bɛma no, na ɔno nso bɛbɔ mpae ama no daa, ahyira no daa adesae. 16 Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura. 17 Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi, ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no. 18 Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ne nko yɛ anwonwade, 19 na nhyira ne n’anuonyam din daa, na n’anuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen. 20 Yese ba Dawid mpaebɔ asa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana