Nnwom 70 - KYERƐW KRONKRONNkwagye ho adesrɛ ( Nnwom 40.13-17 ) Wɔde dwonkyerɛfo. Dawid de. Wɔde bɔ nkae 1 Onyankopɔn, begye me, AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me. 2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsan wɔn akyi na wɔnnan ahohorafo. 3 Wɔn a wose, “Wiɛ, wiɛ” no, ma wɔmfa aniwu nsan wɔn akyi. 4 Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nni ahurusi, na wɔn ani nnye wo ho, na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka daa sɛ: Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ. 5 Na me de, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani. Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me. Wone me boafo ne me gyefo, AWURADE, ntwentwɛn wo nan ase. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana