Nnwom 7 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn bu atɛntrenee Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa AWURADE 1 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na miguan metoa wo. Gye me m’atiwfo nyinaa nsam, na yi me! 2 Na wɔansunsuan me kra sɛ gyata antetew me a ogyefo bi nni hɔ. 3 AWURADE, me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyi, na amumɔyɛde bi wɔ me nsam, 4 sɛ mayɛ nea ɔne me te asomdwoe mu bɔne, na madi nea ɔhaw me kwa no amim bi a, 5 ma ɔtamfo ntaa me kra, na ɔnkyere me, na ontiatia me nkwa so wɔ ɛfam, na ɔmma m’anuonyam nyɛ fam. 6 AWURADE, sɔre w’abufuw mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafo anuɔden, na nyan ma me, wo a woahyɛ atemmu. 7 Na ma aman asafo ntwa wo ho nhyia, na san fi wɔn so kɔ soro. 8 AWURADE bebu aman atɛn; AWURADE di m'asɛm sɛnea me trenee ne bem a ɛwɔ me mu te. 9 Ao, ma ɔbɔnefo bɔne to ntwa ɛ! Na ma ɔteneneeni ntim. Na wone trenee Nyankopɔn a wosɔ koma ne adwene hwɛ. 10 Me kyɛm wɔ Onyankopɔn nsam, ɔno na ogye koma mu treneeni nkwa. 11 Onyankopɔn ne ɔtemmufo trenee, ne Onyankopɔn a ɔteɛteɛ daa nyinaa. 12 Sɛ obi annan n’akwan a Onyankopɔn bɛsew n’afoa, wakuntun ne tadua mu, na wasiesie. 13 Na wasiesie owu ade ama onii ko no, wayɛ n’agyan ma no hyew ade. 14 Hwɛ, omumɔyɛfo nyinsɛn amumɔyɛ, na ɔnyem ɔhaw, na ɔwo atoro. 15 Watu amoa, na wafunu mu, na ɔtɔ tokuru a ɔno ara tui no mu. 16 Ne mmusu resan abua n’atifi, na n’amim abua ne mpampam. 17 Mɛda AWURADE ase sɛnea ne trenee te, na mato ayeyi dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana